Marko 9:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɛhɔ ara na abɔfra no papa teaam kaa sɛ: “Mewɔ gyidie! Baabi a mehia gyidie no boa me!”+ Efesofoɔ 2:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Adom yi na ama wɔnam gyidie+ so agye mo nkwa; na ɛmfiri mo,+ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.+ Hebrifoɔ 12:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 na yɛnnyene yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene+ ne yɛn gyidie Wiefoɔ+ Yesu. Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔhunuu asɛndua ho amane+ buu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+
2 na yɛnnyene yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene+ ne yɛn gyidie Wiefoɔ+ Yesu. Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔhunuu asɛndua ho amane+ buu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+