Mateo 9:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Afei Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ no di mmuada na w’asuafoɔ no nni mmuada?”+ Marko 2:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ no deɛ, wɔdi mmuada. Enti wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no di mmuada, na w’asuafoɔ no nni mmuada?”+ Luka 7:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Onipa Ba no aba, ɔdidi na ɔnom, nanso moka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’+
14 Afei Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ no di mmuada na w’asuafoɔ no nni mmuada?”+
18 Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ no deɛ, wɔdi mmuada. Enti wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no di mmuada, na w’asuafoɔ no nni mmuada?”+
34 Onipa Ba no aba, ɔdidi na ɔnom, nanso moka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’+