15 Deɛ Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ deɛ ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm nie: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne deɛ wabubuo na ne honhom abrɛ aseɛ na ɛteɛ,+ sɛ mɛma abrɛfoɔ honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya ahoɔden.+
5 Me nuanom adɔfo, montie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafoɔ+ na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefoɔ+ wɔ gyidie mu ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no adedifoɔ anaa?+