Mateo 6:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,+ na gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’+ Luka 22:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn na morededa? Monsɔre na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu.”+ 1 Korintofoɔ 10:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛto nnipa nyinaa.+ Na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ,+ na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra deɛ mobɛtumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho+ a mode bɛfiri mu, na moatumi agyina ano. Yakobo 1:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Sɛ sɔhwɛ+ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Ɛfiri sɛ wɔntumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. Adiyisɛm 3:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛsiane sɛ wodii me boasetɔ+ ho asɛm soɔ nti, me nso mɛkora+ wo so wɔ sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa so abɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ no mu.+
13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛto nnipa nyinaa.+ Na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ,+ na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra deɛ mobɛtumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho+ a mode bɛfiri mu, na moatumi agyina ano.
13 Sɛ sɔhwɛ+ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Ɛfiri sɛ wɔntumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.
10 Ɛsiane sɛ wodii me boasetɔ+ ho asɛm soɔ nti, me nso mɛkora+ wo so wɔ sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa so abɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ no mu.+