2 Berɛsosɛm 16:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa deɛ, n’ani+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama wɔn a wɔn akoma+ di mu wɔ ne ho. Asɛm yi mu deɛ, woadi nkwaseasɛm,+ na ɛfiri nnɛ rekorɔ, akodie bɛba wo so.”+ Yesaia 65:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Na ɛbɛba sɛ wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so,+ na wɔgu so rekasa no, mɛtie.+ Mateo 6:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Na yeinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyire dendeenden. Na mo soro Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyinaa.+ Filipifoɔ 4:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Mo nso, me Nyankopɔn+ nam Kristo Yesu so bɛma mo deɛ mohia+ nyinaa sɛdeɛ n’ahonyadeɛ+ pii no teɛ.
9 Yehowa deɛ, n’ani+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama wɔn a wɔn akoma+ di mu wɔ ne ho. Asɛm yi mu deɛ, woadi nkwaseasɛm,+ na ɛfiri nnɛ rekorɔ, akodie bɛba wo so.”+
32 Na yeinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyire dendeenden. Na mo soro Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyinaa.+