23 Mɛdua no Israel bepɔ tenten so,+ na ɛbɛyiyi mman na aso aba,+ na anyini abɛyɛ tweneduro kɛseɛ.+ Nnomaa ahodoɔ nyinaa bɛba aseɛ, na wɔbɛtenatena ne nwunu ase.+
6 Ne nkorabata no so na wiem nnomaa nyinaa bɛyɛɛ wɔn mpirebuo,+ na ne mman ase na wuram mmoa nyinaa woo wɔn mma,+ na ne nwunu ase na aman akɛseɛ nyinaa tenaeɛ.
12 Ná n’ahahan yɛ fɛ, na n’aba dɔɔso, na aduane wɔ so ma obiara. Wuram mmoa+ gyee nwunu wɔ aseɛ,+ na wiem nnomaa nso sisii ne mman so.+ Ɔhonam nyinaa nso didii so.