13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode mo akwaa ma bɔne+ sɛ amumuyɔ akodeɛ,+ na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔanyane+ afiri awufoɔ mu, na momfa mo akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ.+
3“Twerɛ kɔma Sardi asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yeinom na deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson+ ne nsoromma nson+ no ka, ‘Menim wo nnwuma sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.+