19 Enti Yesu toaa so maa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ ɔhunu sɛ Agya no reyɛ.+ Na biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.
28 Enti Yesu kaa sɛ: “Sɛ monya ma onipa Ba+ no so+ a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no,+ na memmɔ me tirim nyɛ biribiara;+ na sɛdeɛ Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.+
3 Ɔyɛ n’animuonyam+ hyerɛn ne ne su nsɛsoɔ+ pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’asɛm a tumi wom no wowa nneɛma nyinaa;+ na berɛ a ɔdwiraa yɛn ho firii yɛn bɔne ho+ no, ɔkɔtenaa Animuonyam no nifa+ so wɔ sorosoro.+