Yohane 16:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Maka yeinom akyerɛ mo na monam me so anya asomdwoeɛ.+ Mo ho rehiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”+ Efesofoɔ 2:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na ɔno ne yɛn asomdwoeɛ,+ deɛ wayɛ akuo mmienu+ no baako+ na wasɛe fasuo+ a na ɛtwa wɔn ntam+ no. Filipifoɔ 4:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 na Onyankopɔn asomdwoeɛ+ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma+ ne mo adwene nsusuiɛ ho ban. Kolosefoɔ 3:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Bio nso, momma Kristo asomdwoeɛ+ nni mo akoma+ so, na ɛno mu na wɔfrɛɛ mo baeɛ wɔ nipadua baako+ mu. Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ. 2 Tesalonikafoɔ 3:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Afei asomdwoeɛ Wura no ara mma mo asomdwoeɛ daa wɔ akwan nyinaa so.+ Awurade ne mo nyinaa ntena.
33 Maka yeinom akyerɛ mo na monam me so anya asomdwoeɛ.+ Mo ho rehiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”+
7 na Onyankopɔn asomdwoeɛ+ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma+ ne mo adwene nsusuiɛ ho ban.
15 Bio nso, momma Kristo asomdwoeɛ+ nni mo akoma+ so, na ɛno mu na wɔfrɛɛ mo baeɛ wɔ nipadua baako+ mu. Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.