5 Anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔdeɛ+ no, mesɔre firii m’awerɛhoɔ mu; ná masunsuane m’atadeɛ ne me ngugusoɔ mu, na mebuu nkotodwe+ trɛɛ me nsam kyerɛɛ Yehowa me Nyankopɔn.+
40 Na Petro maa obiara pue kɔɔ abɔnten,+ na ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee ne ho hwɛɛ amu no kaa sɛ: “Tabita, sɔre!” Ɔbuee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro soɔ no, ɔsɔre tenaa ase.+