11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɔbarima yi fata owuo afobuo,+ ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo nso moate no mo asom yi.”+
28 na wɔteateaam sɛ: “Israel mmarima, mommɛboa! Oyi na ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa wɔ baabiara de sɔre tia ɔman+ no ne Mmara ne ɛha yi, na deɛ ɛsene ne nyinaa no, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de bɛguu kronkronbea yi ho fĩ.”+