Mmebusɛm 15:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yehowa ne amumuyɔfoɔ ntam kwan ware,+ na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.+ Daniel 10:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuro,+ Daniel, ɛfiri sɛ ɛfiri da a wode w’akoma sii hɔ sɛ wobɛte aseɛ,+ a wobrɛɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no,+ wɔate wo nsɛm no, na wo nsɛm no nti na maba.+ Yohane 9:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie abɔnefoɔ,+ na mmom sɛ obi suro Nyankopɔn na ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔtie no.+ 1 Petro 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+
12 Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuro,+ Daniel, ɛfiri sɛ ɛfiri da a wode w’akoma sii hɔ sɛ wobɛte aseɛ,+ a wobrɛɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no,+ wɔate wo nsɛm no, na wo nsɛm no nti na maba.+
12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+