45 Na ɛyɛɛ anokwafoɔ a wɔfiri wɔn a wɔatwa wɔn twetia mu a wɔne Petro baeɛ no nwanwa, ɛfiri sɛ wɔhwiee honhom kronkron adom akyɛdeɛ a wɔde ma kwa no guu amanaman mufoɔ nso so.+
12 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ ansa na nnipa bi a wɔfiri Yakobo+ hɔ reba no, na ɔne amanaman mufoɔ didi;+ nanso berɛ a wɔbaeɛ no, ɛsiane wɔn a wɔfiri twetiafoɔ mu no ho suro+ nti, ɔtwee ne ho firii wɔn ho tee ne ho.+