3 na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanseɛ ahodoɔ kyerɛɛ sɛ na ɛhia sɛ Kristo hunu amane+ na ɔsɔre firi awufoɔ mu,+ na ɔkaa sɛ: “Oyi ne Kristo no,+ Yesu a mereka ne ho asɛm kyerɛ mo no.”
23 Afei wɔhyɛɛ da a wɔbɛhyia, na nnipa pii baa baabi a ɔteɛ no. Na ɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu kyerɛɛ wɔn dii Onyankopɔn ahennie ho adanseɛ+ fekɔfekɔ, na ɔnam Mose+ mmara ne Adiyifoɔ+ no so kaa Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asomu, firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.