6 Wɔawo akɔkoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahennie bɛda ne mmatiri so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoeɛ Hene.+
15 enti ɔno nso bɛma aman pii abɔ piri.+ Ɔno nti ahemfo bɛka wɔn ano atom,+ ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔbɛhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔbɛte aseɛ.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+
2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wosua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afiri abɛyɛ Israel sodifoɔ.+ Ɔno na n’ase firi tete a ɛnni ano.+
7 “O nkrantɛ, sɔre bra me dwanhwɛfoɔ+ no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko+ so,” asafo Yehowa asɛm nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no+ na nnwan no mmɔ nhwete,+ na mɛdane me nsa aba nkumaa+ no so.”
3“Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ+ adi m’anim abɛsiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafoɔ a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfoɔ+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirem. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na aka.+
44 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo berɛ a na meda so ka mo ho no,+ sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifoɔ+ no ne Nnwom+ no mu nyinaa ba mu.”