42 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Monkenkanee wɔ Twerɛnsɛm no mu sɛ, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ+ no ne deɛ abɛyɛ tweatiboɔ.+ Yehowa hɔ na yei fire, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so’?
6 Na ɛwɔ Twerɛnsɛm no mu sɛ: “Hwɛ mereto boɔ bi wɔ Sion, ɛboɔ a wɔayie, ntwea boɔ a wɔde to fapem, ɛboɔ a ɛsom bo; na obiara nni hɔ a ɔnya mu gyidie a ne nsa bɛsi fam.”+