Ɔsɛnkafoɔ 12:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Adwuma biara, deɛ ahunta nyinaa, papa oo, bɔne oo, nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu ho atɛn.+ Mateo 12:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Mese mo sɛ asɛm biara a mfasoɔ nni soɔ a nnipa ka no, wɔbɛbu ho akonta+ Atemmu Da no; 2 Korintofoɔ 5:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na ɛtwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmuo adwa anim,+ na obiara anya deɛ ɔnam nipadua no so yɛeɛ ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+ 1 Petro 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nanso saa nnipa yi bɛbu akonta akyerɛ deɛ+ wayɛ krado sɛ ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.+
10 Na ɛtwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmuo adwa anim,+ na obiara anya deɛ ɔnam nipadua no so yɛeɛ ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+