1 Korintofoɔ 7:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Twetiatwa+ nka hwee, na momonoto+ nso nka hwee, na deɛ ɛhia ne Onyankopɔn ahyɛdeɛ sodie.+ Galatifoɔ 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na Tito+ a na ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia.+ Galatifoɔ 6:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na twetiatwa oo, momonoto oo,+ emu biara nka hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ+ na ɛhia. Kolosefoɔ 3:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 baabi a Helani anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ+ nni hɔ, na mmom Kristo ne adeɛ nyinaa wɔn nyinaa mu no.+
11 baabi a Helani anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ+ nni hɔ, na mmom Kristo ne adeɛ nyinaa wɔn nyinaa mu no.+