Romafoɔ 8:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ara a yɛwɔ aba a ɛdi kan+ a ɛne honhom no nso, aane, yɛsi apini+ yɛn mu berɛ a yɛretwɛn dendeenden sɛ wɔbɛgye yɛn ayɛ mma+ no, gye a wɔnam agyedeɛ so bɛgye yɛn afiri yɛn nipadua mu no. Kolosefoɔ 1:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 na ɔno na yɛnam ne so anya ɔgyeɛ, kyerɛ sɛ yɛn bɔne fafirie.+ 1 Timoteo 2:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 a ɔde ne ho maeɛ sɛ agyedeɛ a ɛfata maa nnipa nyinaa+—yei na wɔbɛdi ho adanseɛ wɔ ne berɛ mu.
23 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ara a yɛwɔ aba a ɛdi kan+ a ɛne honhom no nso, aane, yɛsi apini+ yɛn mu berɛ a yɛretwɛn dendeenden sɛ wɔbɛgye yɛn ayɛ mma+ no, gye a wɔnam agyedeɛ so bɛgye yɛn afiri yɛn nipadua mu no.