23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidie no mu,+ gyina fapem+ no so na motintim+ a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa a moteeɛ+ a wɔaka ho asɛm+ wɔ abɔdeɛ+ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu ho anidasoɔ no ho. Saa asɛmpa yi na me Paulo, mabɛyɛ ho ɔsomfoɔ.+
16 Nokorɛm no, onyamesom pa ho ahuntasɛm kronkron+ yi sõ: ‘Wɔyii no adi honam mu,+ wɔbuu no bem honhom mu,+ ɔyii ne ho adi kyerɛɛ abɔfoɔ,+ wɔkaa ne ho asɛm amanaman+ mu, wɔgyee no dii wɔ wiase,+ wɔgyee no kɔɔ soro animuonyam mu.’+