3 Na Onyankopɔn firii aseɛ hyiraa da a ɛtɔ so nson no na ɔyɛɛ no kronkron, ɛfiri sɛ saa da no na ɔfirii aseɛ home firii ne nnwuma nyinaa ho. Onyankopɔn bɔɔ biribiara a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.+
11 Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+ na da a ɛtɔ so nson no ɔhomeeɛ.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa homeda so yɛɛ no kronkron no.+