2 Samuel 7:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Me na mɛyɛ n’agya,+ na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne Adam asefoɔ mmaa bɛtene no.+ Marko 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ woɔ; magye wo atom.”+ Luka 9:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Na nne+ bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ wɔayi no no.+ Montie no.”+ 2 Petro 1:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Na ɔnyaa anidie ne animuonyam+ firii Agya Nyankopɔn hɔ berɛ a animuonyam kɛseɛ no kaa nsɛm te sɛ yei kyerɛɛ no no: “Oyi ne me ba a medɔ no na megye no tom.”+
14 Me na mɛyɛ n’agya,+ na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne Adam asefoɔ mmaa bɛtene no.+
17 Na ɔnyaa anidie ne animuonyam+ firii Agya Nyankopɔn hɔ berɛ a animuonyam kɛseɛ no kaa nsɛm te sɛ yei kyerɛɛ no no: “Oyi ne me ba a medɔ no na megye no tom.”+