Asomafoɔ Nnwuma 23:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Paulo hwɛɛ Sanhedrin badwa no dinn kaa sɛ: “Mmarima, anuanom, mede ahonim+ pa abɔ me bra Onyankopɔn anim abɛsi nnɛ da yi.” Asomafoɔ Nnwuma 24:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Enti berɛ nyinaa mehwɛ hunu+ sɛ merenyɛ bɔne biara ntia Onyankopɔn ne nnipa. 1 Timoteo 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nokorɛm no, adwene a ɛwɔ ahyɛdeɛ yi akyi ne ɔdɔ+ a ɛfiri akoma a emu teɛ,+ ahonim+ pa ne gyidie a nyaatwom+ nnim mu. 1 Timoteo 1:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 berɛ a wokura gyidie ne ahonim pa+ a ebinom apia ato nkyɛn+ ama wɔn gyidie agu asuo+ no mu no. 1 Timoteo 3:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 na wɔmfa ahonim a emu teɛ+ nkura gyidie no ho ahuntasɛm kronkron+ no mu.
23 Paulo hwɛɛ Sanhedrin badwa no dinn kaa sɛ: “Mmarima, anuanom, mede ahonim+ pa abɔ me bra Onyankopɔn anim abɛsi nnɛ da yi.”
5 Nokorɛm no, adwene a ɛwɔ ahyɛdeɛ yi akyi ne ɔdɔ+ a ɛfiri akoma a emu teɛ,+ ahonim+ pa ne gyidie a nyaatwom+ nnim mu.