16 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam paepaeeɛ,+ na mununkum kusuu+ bɛkataa bepɔ no so, na abɛn bi gyegyee dendeenden,+ na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoeɛ.+
19 Na wɔbuee Onyankopɔn asɔrefie no kronkronbea a ɛwɔ soro+ no, na wɔhunuu n’apam adaka+ no wɔ n’asɔrefie no kronkronbea hɔ.+ Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosoɔ ne asukɔtweaa kɛseɛ bi baeɛ.