10 Nsuro deɛ ɛrebɛto woɔ no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom bɛgu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho bɛhiahia mo+ dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu,+ na mɛma wo nkwa abotire.+
13 ‘Menim baabi a woteɛ, kyerɛ sɛ baabi a Satan ahennwa sie; nanso woda so ara kura me din mu dendeenden,+ na woampa me mu gyidie+ wɔ me dansefoɔ+ nokwafoɔ Antipa nna no mu mpo, deɛ wɔkum+ no wo nkyɛn, baabi a Satan teɛ no.