56 Ɔsɛefoɔ+ no bɛba Babilon so, na ne nnɔmmarima no, wɔbɛkye wɔn.+ Wɔbɛbubu wɔn agyan mu pasaa,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔtua bɔne so ka.+ Tua deɛ, ɔbɛtua ka.+
19 Na kuro kɛseɛ+ no mu paepaee mmiɛnsa, na amanaman no nkuro no hwehwee ase; na wɔkaee Babilon Kɛseɛ+ no Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no kuruwa a n’abufuhyeɛ nsã wom no.+