46 Ɛnnɛ da yi, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mɛku wo na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm no afunu bɛma wiem nnomaa ne asase so mmoa+ nnɛ, na asase so aman nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+
4 Wo ne w’asraafoɔ ne aman a wɔka wo ho nyinaa bɛtotɔ Israel mmepɔ so.+ Na mede wo bɛma nnomaa, nnomaa a wɔn ntakra gu ahodoɔ nyinaa, ne wuram mmoa sɛ aduane.”’+
17 “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ka kyerɛ nnomaa a wɔn ntakra gu ahodoɔ ne wuram mmoa nyinaa+ sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mommɛhyiam wɔ afɔdeɛ kɛseɛ a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔ soɔ no ase.+ Na mobɛwe nam anom mogya.+