35 Elihu toaa ne nsɛm no so sɛ:
2 “Yei na wobu no tenenee no?
Woka sɛ, ‘Metene sene Onyankopɔn.’+
3 Ampa ara woka sɛ, ‘Mfasoɔ bɛn na wonya?+
Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ sene sɛ anka mɛyɛ bɔne?’+
4 Mɛma wo mmuaeɛ,
Wo ne wo nnamfo+ a wɔka wo ho no.
5 Ma w’ani so hwɛ soro,+
Hwɛ mununkum+ sɛ ɛkorɔn sene wo koraa.
6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛdeɛn na woyɛ tia no?+
Na sɛ w’atuateɛ dɔɔso a, ɛdeɛn na ɛyɛ no?
7 Sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, ɛdeɛn na ɛde ma no,
Na ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam?+
8 Onipa te sɛ wo na w’amumuyɔ bɛtumi atia no,+
Na sɛ woyɛ adetenenee a, onipa dasani mmom na woyɛ ma no.+
9 Nhyɛsoɔ bebrebe nti wɔteam hwehwɛ mmoa;+
Nnipa akɛseɛ basa nti wɔsu hwehwɛ mmoa.+
10 Nanso wɔn mu biara nka sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Bɔfo kɛseɛ no wɔ,+
Deɛ ɔma wɔto nnwom anadwo no?’+
11 Ɔno na ɔkyerɛkyerɛ+ yɛn sene asase so mmoa,+
Na ɔma yɛhunu nyansa sene wiem nnomaa.
12 Wɔteam, nanso ɔmmua,+
Nnebɔneyɛfoɔ ahantan nti.+
13 Ɛfiri sɛ nkontompo deɛ, Onyankopɔn ntie,+
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nhwɛ.+
14 Na sɛ woka sɛ wɔnhu no a, ɛnneɛ ɔbɛbu wo sɛn!+
Asɛm no da n’anim, enti twɛn no ara.+
15 Ɔmmɛtwee asõ n’abufuo mu,+
Enti ɔmfaa n’adwene nkɔɔ kasa hunu no so.+
16 Hiob bue n’ano kwa;
Ɔkeka nsɛm pii kɛkɛ a nimdeɛ nnim.”+