Mateo
25 “Afei ɔsoro ahennie bɛyɛ sɛ mmaabunu du a wɔfaa wɔn nkanea+ firii adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu.+ 2 Ná wɔn mu nnum yɛ nkwaseafoɔ,+ na nnum yɛ mmadwemma.+ 3 Na nkwaseafoɔ no faa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho, 4 na mmadwemma no deɛ, wɔfaa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea no ho. 5 Na berɛ a ayeforɔkunu no rekyɛ no, wɔn nyinaa tɔɔ nko faa mu daeɛ.+ 6 Dasuom na wɔtee nteamu bi sɛ,+ ‘Ayeforɔkunu no nie oo! Momfiri adi nkɔhyia no.’ 7 Ɛnna mmaabunu no nyinaa sɔreeɛ na wɔhwɛɛ wɔn nkanea+ no sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa. 8 Na nkwaseafoɔ no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi,+ ɛfiri sɛ yɛn nkanea no reyɛ adum.’ 9 Mmadwemma+ no buaa sɛ, ‘Ebia na ansõ yɛn ne mo. Enti monkɔ wɔn a wɔtɔn no nkyɛn nkɔtɔ bi.’ 10 Berɛ a wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforɔkunu no baeɛ, na mmaabunu a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase;+ na wɔtoo pono no mu. 11 Ɛno akyi no, mmaabunu a aka no nso baeɛ, na wɔkaa sɛ, ‘Owura, owura, bue yɛn!’+ 12 Ɔbuaa sɛ, ‘Mese mo nokorɛm sɛ, mennim mo.’+
13 “Enti monkɔ so nwɛn,+ na monnim da anaa dɔn no.+
14 “Na ɛte sɛ onipa bi+ a ɔrebɛtu kwan+ a ɔfrɛɛ ne nkoa de n’ahodeɛ hyɛɛ wɔn nsa.+ 15 Ɔmaa baako dwetikɛseɛ nnum, ɔmaa baako mmienu, na ɔmaa ɔfoforɔ nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ,+ na ɔtuu kwan. 16 Ntɛm ara na deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no siim de kɔyɛɛ adwuma nyaa nnum kaa ho.+ 17 Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no san nyaa mmienu kaa ho. 18 Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔtutuu fam de ne wura dwetɛ sika no sieeɛ.
19 Berɛ tenteenten akyi no,+ nkoa no wura baeɛ, na ɔne wɔn buu nkonta.+ 20 Enti deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no de dwetikɛseɛ nnum kaa ho baa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛseɛ nnum; hwɛ, menyaa ho dwetikɛseɛ nnum.’+ 21 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ ‘Mo, akoa pa nokwafoɔ!+ Wodii nneɛma kakraa bi mu nokorɛ.+ Mɛma woahwɛ nneɛma pii so.+ Nya wo wura anigyeɛ+ no bi.’ 22 Afei deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ mmienu no bɛkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛseɛ mmienu; hwɛ, menyaa ho dwetikɛseɛ mmienu.’+ 23 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa nokwafoɔ! Wodii nneɛma kakraa bi mu nokorɛ.+ Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigyeɛ+ no bi.’
24 “Awieeɛ koraa no deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ baako no bɛkaa+ sɛ, ‘Me wura, menim sɛ woyɛ obi a w’asɛm yɛ den, a faako a woanguo no ɛhɔ na wotwa, na woboaboa deɛ wonhuhuu soɔ ano. 25 Enti mesuroeɛ,+ na mede wo dwetikɛseɛ no siee fam. W’adeɛ nie, gye.’ 26 Ne wura no buaa no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ, sɛ́ wonim sɛ faako a manguo na metwa, na deɛ manhuhu soɔ na meboaboa ano? 27 Enti ɛsɛ sɛ anka wode me dwetɛ sika no kɔma sikakorafoɔ, na meba a manya m’adeɛ ne ɛho nsiho.+
28 “‘Enti monnye dwetikɛseɛ no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔwɔ dwetikɛseɛ du no.+ 29 Ɛfiri sɛ obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho ama no aboro ne so; na deɛ ɔnni bie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.+ 30 Na mompamo akoa a mfasoɔ nni ne soɔ no nkɔ abɔnten sum no mu. Ɛhɔ na ɔbɛsu atwerɛ ne sẽ.’+
31 “Sɛ onipa Ba+ no ba n’animuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a,+ ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.+ 32 Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim,+ na ɔbɛpaepae+ nnipa no mu mmaako mmaako,+ sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwan ne mmirekyie mu no. 33 Na ɔde nnwan no bɛgyina ne nsa nifa so,+ na ɔde mmirekyie no agyina ne benkum so.+
34 “Afei ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa soɔ no sɛ, ‘Mommra, mo a m’Agya+ ahyira mo, momfa ahennie+ a wɔasiesie ama mo firi wiase nhyɛaseɛ+ no nni.+ 35 Na ɛkɔm dee me na momaa me biribi diiɛ;+ sukɔm dee me na momaa me biribi nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ na mogyee me fɛ so;+ 36 medaa adagya+ na momaa me biribi kataa me ho. Meyareeɛ na mohwɛɛ me. Medaa afiase+ na mobaa me nkyɛn.’ 37 Ɛnna ateneneefoɔ no bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu sɛ ɛkɔm de woɔ na yɛmaa wo aduane diiɛ, anaasɛ sukɔm de woɔ+ na yɛmaa wo biribi nomeeɛ?+ 38 Da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɔhɔhoɔ a yɛgyee wo fɛ so, anaasɛ woda adagya a yɛmaa wo biribi kataa wo ho? 39 Da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare anaasɛ wowɔ afiase a yɛbaa wo nkyɛn?’ 40 Na ɔhene+ no bɛbua ase wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mese mo sɛ, berɛ dodoɔ a moyɛ maa me nuanom+ nkumaa+ yi mu baako no, moayɛ ama me.’+
41 “Afei ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum soɔ no nso sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ+ daa egya+ a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfoɔ+ no mu. 42 Berɛ a ɛkɔm dee me no, moamma me hwee anni,+ na sukɔm dee me+ no moamma me hwee annom. 43 Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, nanso moannye me fɛ so; medaa adagya nanso moamma me biribi ankata+ me ho; meyareeɛ na medaa afiase,+ nanso moammɛhwɛ me.’ 44 Ɛnna wɔn nso bɛbua sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu sɛ ɛkɔm anaa sukɔm de woɔ anaasɛ woyɛ ɔhɔhoɔ anaa woda adagya anaa woyare anaa woda afiase a yɛammɛsom woɔ?’ 45 Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mese mo sɛ, berɛ dodoɔ a moanyɛ amma nkumaa yi mu baako no,+ moanyɛ+ amma me.’+ 46 Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ mu,+ na wɔn a wɔtene no bɛkɔ daa nkwa mu.”+