Asomafoɔ Nnwuma
6 Afei nna yi mu a na asuafoɔ no redɔɔso no, Yudafoɔ a wɔka Hela kasa+ no nwiinwii tiaa Yudafoɔ a wɔka Hebri kasa no, ɛfiri sɛ na wɔabu wɔn ani agu wɔn akunafoɔ so wɔ aduane a wɔkyekyɛ no daa no mu.+ 2 Enti dumienu no frɛɛ asuafoɔkuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Onyankopɔn asɛm hɔ akɔkyekyɛ aduane wɔ apono so.+ 3 Enti anuanom, mo ara monhwehwɛ+ mo mu mmarima nson a mobɛtumi adi wɔn ho adanseɛ, nnipa a honhom ne nyansa ayɛ wɔn mã,+ na yɛmfa wɔn nsisi adwuma a ɛho hia yi so; 4 na yɛn deɛ yɛbɛtu yɛn ho asi hɔ ama mpaebɔ ne Onyankopɔn asɛm no nkyerɛkyerɛ.”+ 5 Na deɛ wɔkaeɛ no tɔɔ nnipadɔm no nyinaa asom, na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne honhom kronkron ayɛ no mã,+ ne Filipo+ ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao, a ɔfiri Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani no; 6 na wɔde wɔn bɛgyinaa asomafoɔ no anim, na wɔbɔɔ mpaeɛ wieeɛ no, wɔde wɔn nsa+ guu wɔn so.
7 Na Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛeɛ,+ na asuafoɔ no dodoɔ bu bɔɔ ho pii wɔ Yerusalem;+ na asɔfoɔ+ no mu pii firii aseɛ yɛɛ aso+ maa gyidie no.
8 Afei Stefano a adom ne tumi ayɛ no mã no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne+ akɛseɛ wɔ nnipa no mu. 9 Nanso nnipa bi a wɔfiri deɛ wɔfrɛ no Ahofadifoɔ Hyiadan no mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ+ ne wɔn a wɔfiri Kilikia+ ne Asia, sɔree sɛ wɔne Stefano rebɛdi anobaabaeɛ; 10 nanso wɔantumi annyina ne nyansa+ ne honhom a na ɔde kasa no ano.+ 11 Ɛnna wɔtutu guu nnipa bi asom sɛ wɔnka sɛ:+ “Yɛate sɛ ɔreka abususɛm+ atia Mose ne Onyankopɔn.” 12 Na wɔhwanyan nnipa no ne mpanimfoɔ no ne atwerɛfoɔ no maa wɔbaa ne so mpofirem bɛkyee no kɔmaa Sanhedrin no.+ 13 Na wɔmaa adansekunumufoɔ+ bɛkaa sɛ: “Ɔbarima yi nnyae nsɛm a ɔka tia kronkronbea yi ne Mmara no.+ 14 Hwɛ, yɛate sɛ ɔreka sɛ Yesu yi a ɔyɛ Nasareni no bɛdwiri saa bea yi agu fam na wasakra amanneɛ a Mose de maa yɛn no.”
15 Berɛ a wɔn a wɔte Sanhedrin badwa no mu nyinaa hwɛɛ no dinn no,+ wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔbɔfoɔ anim.+