Yesaia
52 Nyane ɛ, Sion, nyane na hyɛ w’ahoɔden!+ Yerusalem, kuro kronkron,+ hyɛ w’atadeɛ fɛfɛ no!+ Na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renhyɛn wo mu bio.+ 2 Yerusalem, poroporo wo ho mfuturo+ na sɔre tena ase. Sion babaa a wɔafa wo dommum, sane ahoma a ɛkyekyere wo kɔn no.+
3 Deɛ Yehowa aka nie: “Wɔantɔn mo annye hwee,+ enti ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye mo.”+
4 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Egypt na me man dii kan kɔsoɛɛ sɛ ahɔhoɔ,+ na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.”
5 “Afei deɛn na mereyɛ wɔ ha?” Yehowa asɛm nie. “Wɔafa me man kwa.+ Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no bobom,”+ Yehowa asɛm nie. “Na da biara da, da mũ nyinaa, wɔbu me din animtia.+ 6 Ɛno nti me man bɛhunu me din+ da no ara, ɛfiri sɛ me ara na merekasa.+ Hwɛ, ɛyɛ me a.”
7 Hwɛ sɛdeɛ onii a ɔde asɛmpa ba+ no nan ase+ yɛ fɛ wɔ mmepɔ soɔ, deɛ ɔka asomdwoeɛsɛm,+ deɛ ɔka adepa ho asɛmpa,+ deɛ ɔka nkwagyeɛ ho asɛm,+ deɛ ɔka kyerɛ Sion sɛ: “Wo Nyankopɔn abɛyɛ ɔhene!”+
8 Tie, w’awɛmfoɔ+ ama wɔn nne so.+ Wɔn nyinaa abom rebɔ ose, na sɛ Yehowa boaboa Sion ano+ ba a, wɔbɛhunu—wɔde wɔn ani kann.+
9 Yerusalem amamfõ, mo ani nnye, mommom mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne man werɛ;+ wagye Yerusalem.+ 10 Yehowa ayi ne basa kronkron no ho ama aman nyinaa de wɔn ani ahunu;+ na asase no afanan nyinaa bɛhunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.+
11 Montwe mo ho, montwe mo ho, momfiri hɔ nkɔ,+ mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho nteɛ;+ momfiri ne mu,+ monte mo ho, mo a mosõ Yehowa anwenneɛ.+ 12 Mobɛfiri hɔ akɔ, nanso ɛnyɛ ahopopoɔ so, na morennwane.+ Yehowa bɛdi mo anim akɔ,+ na Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.+
13 Hwɛ, m’akoa+ de nhunumu bɛyɛ adeɛ.+ Ɔbɛnya dibea a ɛkorɔn, wɔbɛma ne so, wɔbɛpagya no papaapa.+ 14 Nnipa pii ahu no ama wɔn ho adwiri wɔn,+ ɛfiri sɛ ne hwɛbea asɛe+ ama ɛnte sɛ onipa deɛ bio, na ne nipaban+ nte sɛ ɔdasani deɛ bio; 15 enti ɔno nso bɛma aman pii abɔ piri.+ Ɔno nti ahemfo bɛka wɔn ano atom,+ ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔbɛhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔbɛte aseɛ.+