Romafoɔ
8 Enti wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu no nni afobuo biara.+ 2 Na saa honhom+ no mmara+ a ɛma nkwa+ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ama moade mo ho+ afiri bɔne ne owuo mmara ase.+ 3 Na berɛ a mmara no antumi anyɛ adwuma anwie,+ ɛsiane honam a na ama no ayɛ mmerɛ+ nti no, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba+ baa sɛ honam a bɔne aka no+ maa bɔne+ no, de buu bɔne fɔ wɔ honam mu, 4 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Mmara mu asɛm a ɛtene no bɛba mu+ wɔ yɛn a yɛnnante honam mu, na mmom yɛnante honhom mu,+ no soɔ. 5 Na wɔn a wɔnam honam mu no de wɔn adwene si honam mu+ nneɛma so, na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.+ 6 Na adwene a ɛsi honam nneɛma soɔ yɛ owuo,+ na adwene a ɛsi honhom nneɛma soɔ+ yɛ nkwa ne asomdwoeɛ; 7 ɛfiri sɛ adwene a ɛsi honam nneɛma soɔ no yɛ ɔtan+ a wɔtan Onyankopɔn, na ɛnhyɛ Onyankopɔn mmara ase,+ na ɛrentumi nyɛ saa mpo. 8 Enti wɔn a wɔwɔ honam mu+ no ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.
9 Nanso, mo deɛ, monni honam mu, na mmom mote honhom mu,+ sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu ampa a.+ Na sɛ obi nni Kristo honhom+ a, saa nipa yi nyɛ ne dea. 10 Nanso sɛ Kristo wɔ mo mu+ a, bɔne nti nipadua no awu ampa, na tenenee nti honhom no wɔ nkwa.+ 11 Na afei sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu+ no bɛma mo nipadua a ɛwuo no nso nkwa;+ ɔnam ne honhom a ɛte mo mu no so.
12 Enti afei, anuanom, ɛnyɛ honam na yɛde no ka na yɛatena ase honam mu;+ 13 na sɛ motena ase honam mu a, mobɛwu ɛkwan biara so;+ na sɛ mode honhom kum nipadua no nneyɛɛ+ a, mobɛtena ase. 14 Na wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no, wɔn nyinaa yɛ Onyankopɔn mma.+ 15 Na moannya nkoayɛ honhom a ɛde osuro ba+ bio, na mmom moanya honhom+ a ɛgye yɛn+ yɛ mma, na saa honhom no mu na yɛteam sɛ: “Abba,+ Agya!” 16 Honhom+ no ara ne yɛn honhom+ di adanseɛ+ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.+ 17 Na sɛ yɛyɛ mma deɛ a, yɛyɛ adedifoɔ nso: nokorɛm no, yɛyɛ Onyankopɔn adedifoɔ, ne Kristo mfɛfoɔ adedifoɔ,+ nanso gye sɛ yɛne no hunu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no animuonyam.+
18 Enti mehunu sɛ yɛde seesei amanehunu+ no toto animuonyam+ a wɔrebɛyi no adie yɛn mu no ho a, ɛnnuru baabiara. 19 Na abɔdeɛ+ no de anigyina+ retwɛn Onyankopɔn mma ahoyie dendeenden.+ 20 Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ adehunu ase+ a ɛnyɛ ɔno ara ne pɛ so, na mmom ɛnam deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no so, anidasoɔ mu,+ 21 a ɛne sɛ abɔdeɛ+ no ara nso bɛnya ahofadie+ afiri porɔeɛ nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma animuonyam ahofadie mu. 22 Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa kɔ so penepene, na wɔhunu amane bɛsi nnɛ. 23 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ara a yɛwɔ aba a ɛdi kan+ a ɛne honhom no nso, aane, yɛsi apini+ yɛn mu berɛ a yɛretwɛn dendeenden sɛ wɔbɛgye yɛn ayɛ mma+ no, gye a wɔnam agyedeɛ so bɛgye yɛn afiri yɛn nipadua mu no. 24 Na anidasoɔ yi mu na wɔgyee yɛn nkwa;+ nanso anidasoɔ a wɔhunu nyɛ anidasoɔ, na sɛ obi hunu biribi a, ɔbɛtumi anya mu anidasoɔ? 25 Nanso sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu+ so+ a, yɛkɔ so ara de boasetɔ twɛn.+
26 Saa ara na honhom+ no nso di boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu;+ ɛfiri sɛ deɛ ɛhia sɛ yɛbɔ ho mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, yɛnnim,+ nanso honhom+ no ara srɛ ma yɛn, apini a ɛmpue ho. 27 Nanso deɛ ɔhwehwɛ akoma mu+ no te honhom no ase,+ ɛfiri sɛ ɛsrɛ ma akronkronfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.+
28 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ma ne nnwuma+ nyinaa bom di boa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn, wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛdeɛ n’atirimpɔ teɛ+ no; 29 ɛfiri sɛ wɔn a ɔdii kan gyee wɔn toom+ no, ɔhyɛ too hɔ+ nso sɛ wɔbɛyɛ ne Ba no nsɛsoɔ,+ na wayɛ anuanom+ pii mu abakan.+ 30 Bio nso wɔn a ɔhyɛɛ deɛ wɔbɛyɛ too hɔ+ no, wɔn nso na ɔfrɛɛ wɔn;+ na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wɔn nso na ɔbuu wɔn bem.+ Awieeɛ koraa no, wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wɔn nso na ɔhyɛɛ wɔn animuonyam.+
31 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka no yeinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+ 32 Ɔno a wankame ɔno ara ne Ba+ mpo, na mmom yɛn nyinaa nti ɔde no maeɛ+ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa nneɛma foforɔ nyinaa nso nka ne ho nnom yɛn?+ 33 Hwan na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano?+ Onyankopɔn ne Deɛ ɔbu wɔn bem.+ 34 Hwan ne deɛ ɔbɛbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ, anaa deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu mpo, a ɔte Onyankopɔn nifa,+ na ɔsrɛ ma yɛn+ nso.
35 Hwan na ɔbɛte yɛn afiri Kristo dɔ ho?+ Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa asiane anaa nkrantɛ?+ 36 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa, na wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn.”+ 37 Nanso, yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim+ korakora. 38 Na megye di yie sɛ owuo anaa nkwa+ anaa abɔfoɔ+ anaa nnisoɔ+ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi+ 39 anaa deɛ ɛwɔ soro anaa deɛ ɛwɔ fam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi nte yɛn mfiri Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.+