Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Maskil. Dawid dwom; berɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Wonnim sɛ Dawid de ne ho abɛhunta yɛn nkyɛn anaa”?+ no.
54 Onyankopɔn, fa wo din so gye me ɛ,+
Na fa wo tumi di m’asɛm ma me.+
2 O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;+
Yɛ aso ma m’anom nsɛm.+
3 Na ananafoɔ asɔre atia me,
Na atirimuɔdenfoɔ hwehwɛ me kra.+
Wɔmfaa Onyankopɔn nsii wɔn ani so.+ Sela.
4 Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafoɔ;+
Yehowa wɔ wɔn a wɔsɔ me kra mu no afã.
5 Ɔde bɔne bɛtua m’atamfo ka;+
Ma wɔnka wɔn ano ntom wo nokorɛdie mu.+
6 Mɛyi me yam abɔ afɔdeɛ ama wo.+
O Yehowa, mɛkamfo wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ.+
7 Wagye me afiri ahohia nyinaa mu,+
Na mede m’ani ahwɛ m’atamfo.+