1 Yohane
3 Monhwɛ ɔdɔ ko+ a Agya no de adom yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Onyankopɔn mma;+ saa na ɛteɛ nso. Yei nti na wiase+ no nnim yɛn, ɛfiri sɛ ɛnnim no.+ 2 Adɔfo, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma,+ nanso deɛ yɛbɛyɛ nnya nnaa adi.+ Yɛnim sɛ berɛ biara a wɔbɛyi no adie no,+ yɛbɛyɛ sɛ ɔno,+ ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ paa.+ 3 Na obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi te ne ho+ sɛdeɛ ɔno nso ho teɛ no.+
4 Obiara a ɔte bɔne+ mu no te mmarato+ mu nso, enti bɔne+ yɛ mmarato. 5 Monim nso sɛ ɔno deɛ, wɔyii no adi sɛ ɔmmɛyi yɛn bɔne mfiri hɔ,+ na bɔne+ nni ne mu. 6 Obiara a ɔne no ayɛ baako+ no ntena bɔne+ mu; obiara a ɔte bɔne mu no nhunuu no, na ɔnnim no nso.+ 7 Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo; deɛ ɔyɛ adetenenee no yɛ ɔteneneeni, sɛdeɛ ɔno nso yɛ ɔteneneeni no.+ 8 Deɛ ɔte bɔne mu no firi Ɔbonsam, ɛfiri sɛ Ɔbonsam na wayɛ bɔne firi mfitiaseɛ.+ Yei nti na wɔyii Onyankopɔn Ba no adie,+ sɛdeɛ ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.+
9 Obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu,+ ɛfiri sɛ N’aba te onii no mu, na ɔntumi ntena bɔne mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wawo no.+ 10 Nokwasɛm a ɛma Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi pefee nie: Obiara a ɔnyɛ adetenenee+ no mfiri Onyankopɔn mu, na saa ara na deɛ ɔnnɔ ne nua no nso mfiri ne mu.+ 11 Yei ne asɛm a moate firi mfitiaseɛ+ no, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho;+ 12 ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri ɔbɔnefoɔ no mu na ɔkum+ ne nua no. Na adɛn nti na ɔkum no? Ɛfiri sɛ na ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne,+ na ne nua no deɛ tene.+
13 Anuanom, mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ wiase tan mo.+ 14 Yɛnim sɛ yɛfiri owuo mu atwam aba nkwa mu,+ ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom.+ Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.+ 15 Obiara a ɔtan+ ne nua no yɛ wudini,+ na monim sɛ wudini+ biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+ 16 Yei na ama yɛahunu ɔdɔ,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔde ne kra too hɔ maa yɛn;+ na ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma yɛn nuanom.+ 17 Na obiara a ɔwɔ wiase asetenadeɛ+ na ɔhunu sɛ ahia ne nua+ na ɔnhu no mmɔbɔ no,+ Onyankopɔn dɔ te ne mu sɛn?+ 18 Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa kɛtrɛma+ nnnɔ,+ na mmom yɛnyɛ no nneyɛɛ+ ne nokorɛ mu.+
19 Yei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛfiri nokorɛ no mu,+ na yɛbɛma yɛn akoma awerɛhyem n’anim 20 wɔ biribiara a yɛn akoma bɛbu yɛn fɔ mu,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn sõ sene yɛn akoma na ɔnim nneɛma nyinaa.+ 21 Adɔfo, sɛ yɛn akoma mmu yɛn fɔ a, ɛnneɛ yɛtumi de ahotɔsoɔ kasa wɔ Onyankopɔn anim;+ 22 na biribiara a yɛbisa no,+ yɛnya firi ne hɔ, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.+ 23 N’ahyɛdeɛ no ara nie, sɛ yɛnnya gyidie wɔ ne Ba Yesu Kristo din mu+ na yɛnnodɔ yɛn ho,+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a ɔde maa yɛn no kyerɛ. 24 Bio nso deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no ne no yɛ baako, na ɔno nso ne onii no yɛ baako;+ na deɛ ɛma yɛhunu sɛ ɔne yɛn yɛ baako+ ne honhom+ a ɔde maa yɛn no.