Wɔde ma Yedutan+ dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
39 Mekaa sɛ: “Mɛhwɛ m’akwan yie+
Na mamfa me kɛtrɛma anyɛ bɔne.+
Mɛkyekyere m’ano+
Berɛ a ɔdebɔneyɛfoɔ wɔ m’anim yi.”+
2 Medanee mum yɛɛ komm;+
Memuaa m’ano, papa ho,+
Na mekaa me yea hyɛeɛ.
3 M’akoma yɛɛ hyehyeehye me mu;+
M’apinisie mu na egya no dɛreeɛ.
Mede me kɛtrɛma kaa sɛ:
4 “O Yehowa, ma menhunu m’awieeɛ,+
Na nna kakra a woasusu ama me no, ma menhunu sɛdeɛ ɛteɛ,+
Na menhunu sɛ mammɛtena ase ankyɛ.+
5 Hwɛ! Woayɛ me nna kakraa bi;+
Na me nkwa nna nyɛ hwee w’anim.+
Ampa, sɛ ɔdasani gyina hɔ pintinn mpo a, ɔte sɛ mframa.+ Sela.
6 Onipa nam sɛ sunsum.+
Ampa ara ɔyɛ kitikiti kwa.+
Ɔboaboa ahodeɛ ano, nanso ɔnnim deɛ ɛbɛkɔ akɔdi ne nsam.+
7 Na afei Yehowa, ɛdeɛn na mede m’ani ato soɔ?
Wo na mehwɛ wo kwan.+
8 Gye me firi me mmarato nyinaa mu.+
Mma deɛ ɔnni adwene mmmɔ me ahohora.+
9 Medanee mum;+ mantumi ammue m’ano,+
Ɛfiri sɛ wo na woayɛ.+
10 Yi wo haw firi me so.+
Wo nsa a ɛtia me nti, m’awieeɛ aba.+
11 Wode mfomsoɔ ho animka tene onipa so,+
Na wosɛe n’akɔnnɔdeɛ sɛdeɛ nweweboaa+ yɛ no.
Ampa ara ɔdasani te sɛ mframa.+ Sela.
12 O Yehowa, tie me mpaebɔ,
Na yɛ aso ma me sufrɛ.+
Nyɛ komm me nisuo ho,+
Na meyɛ wo hɔhoɔ,+
Meyɛ otubrafoɔ sɛ m’agyanom nyinaa.+
13 Yi w’ani firi me so, na menhyerɛn,+
Ansa na mawu afiri hɔ, a wɔnhu me bio.”+