10 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ,+ Seruia mma?+ Momma no nnome+ me, ɛfiri sɛ Yehowa na aka akyerɛ no sɛ,+ ‘Dome Dawid!’ Enti hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, ‘Adɛn nti na woyɛɛ saa?’”+
35 Na asase sotefoɔ nyinaa nsɛ hwee,+ na ɔyɛ deɛ ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ mu.+ Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi abɔ ne nsa atwene+ anaa ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’+