Mateo
9 Enti ɔforoo kodoɔ no twa kɔɔ ɔno ara ne kurom.*+ 2 Na hwɛ! na wɔde obubuafoɔ bi a ɔda kɛtɛ soɔ rebrɛ no.+ Berɛ a Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne afiri wo.”+ 3 Na hwɛ! atwerɛfoɔ no bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Damfo yi reka abususɛm.”+ 4 Ná Yesu nim wɔn adwene,+ enti ɔkaa sɛ: “Adɛn nti na moredwene bɔne mo akoma mu?+ 5 Sɛ nhwɛsoɔ no, deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ, wɔde wo bɔne afiri wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ, sɔre na nante?+ 6 Nanso, deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne firie+ nti—” afei ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 7 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ne fie. 8 Berɛ a nnipakuo no hunuu yei no, ehu kaa wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde tumi+ a ɛte saa maa nnipa no animuonyam.+
9 Afei berɛ a Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mateo sɛ ɔte togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.”+ Ɛhɔ ara na ɔsɔre dii n’akyi.+ 10 Akyire yi, berɛ a ɔte adidiiɛ wɔ fie hɔ no,+ hwɛ! togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baeɛ na wɔbɛtenatenaa Yesu ne n’asuafoɔ no nkyɛn wɔ adidie no ase. 11 Na berɛ a Farisifoɔ no hunuu yei no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ no ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie?”+ 12 Ɔtee wɔn nsɛm no, ɔkaa sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafoɔ,+ na mmom wɔn a wɔyareɛ na wɔhia. 13 Afei monkɔ na monkɔsua deɛ yei kyerɛ, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’+ Na mammɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔneyɛfoɔ.”
14 Afei Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ no di mmuada na w’asuafoɔ no nni mmuada?”+ 15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ayeforɔkunu+ no da so wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa+ ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno na afei wɔbɛdi mmuada.+ 16 Obiara nni hɔ a ɔde ntoma mono tɛ atade dada mu; ɛfiri sɛ n’ahoɔden no bɛma ate afa atadeɛ no mu ama ne nteteeɛ no ayɛ kɛse koraa.+ 17 Saa ara nso na wɔmfa bobesa mono ngu nsã kotokuo dada mu; sɛ wɔyɛ saa a, nsã kotokuo no pae ma nsã no tu gu na kotokuo no sɛe.+ Mmom no wɔde bobesa mono gu nsã kotokuo foforɔ mu na abɔ nneɛma mmienu no nyinaa ho ban.”+
18 Berɛ a ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ! ɔpanin+ bi a na waba hɔ bɛkotoo no+ kaa sɛ: “Saa berɛ yi deɛ, ɛbɛyɛ sɛ me babaa no awu;+ nanso bra na fa wo nsa bɛgu ne so na ɔbɛba nkwa mu.”+
19 Ɛnna Yesu sɔre firii aseɛ dii n’akyi, na n’asuafoɔ no nso yɛɛ saa ara. 20 Na hwɛ! ɔbaa bi a mogya atu no+ mfeɛ dumienu firi n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ ngugusoɔ ano;+ 21 deɛ ɔkaa no ne mu ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’atadeɛ ngugusoɔ no kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.”+ 22 Yesu danee ne ho, na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam; wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+ Na ɛfiri saa dɔn no ɔbaa no ho tɔɔ no.+
23 Afei, berɛ a ɔbaa sodifoɔ no fie+ na ɔhunuu atɛntɛbɛnhyɛnfoɔ ne nnipakuo no sɛ wɔreyɛ gyegyeegye no,+ 24 Yesu firii aseɛ kaa sɛ: “Momfiri ha, na abaayewa no nwuiɛ, na mmom wada.”+ Yei nti wɔfirii aseɛ seree no.+ 25 Afei berɛ a nnipakuo no firii adi ara pɛ, ɔkɔɔ mu kɔsɔɔ ne nsa,+ na abaayewa no sɔreeɛ.+ 26 Nokorɛm no, yei ho asɛm trɛ kɔɔ mpɔtamu hɔ baabiara.
27 Berɛ a Yesu firi hɔ retwam akorɔ no, anifirafoɔ mmienu+ dii n’akyi teateaam sɛ: “Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ.”+ 28 Berɛ a ɔkɔɔ fie hɔ no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn, na Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mowɔ gyidie+ sɛ mɛtumi ayɛ yei?” Wɔbuaa no sɛ: “Aane, Awurade.” 29 Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani+ kaa sɛ: “Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no saa ara na ɛnyɛ mma mo.” 30 Na wɔn ani hunuu adeɛ. Bio nso, Yesu hyɛɛ wɔn dendeenden sɛ: “Monhwɛ na obiara ante ho asɛm.”+ 31 Nanso wɔn deɛ, wɔfirii adie no, wɔmaa mpɔtamu hɔfoɔ nyinaa tee ne ho asɛm.+
32 Afei wɔrefiri hɔ no, hwɛ! nkurɔfoɔ de mum bi a ɔwɔ adaemone brɛɛ no,+ 33 na berɛ a ɔtuu adaemone no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasaeɛ.+ Afei, nnipakuo no ho dwirii+ wɔn na wɔkaa sɛ: “Wɔnhunuu ɛso bi da wɔ Israel.” 34 Nanso Farisifoɔ no firii aseɛ kaa sɛ: “Ɔnam adaemone panin so na ɛtu adaemone.”+
35 Na Yesu kɔkyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ nyinaa bi.+ 36 Berɛ a ɔhunuu nnipakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔayɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ+ a wɔapirapira wɔn agya wɔn agu hɔ. 37 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Aane, otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfoɔ no sua.+ 38 Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu.”+