Asomafoɔ Nnwuma
24 Nnanum akyi no, ɔsɔfo panin Anania+ ne mpanimfoɔ bi ne Tertulo a ɔgyina badwa anim kasa no baeɛ, na wɔde Paulo ho nsɛm+ bɛtoo amrado+ no anim. 2 Berɛ a wɔfrɛɛ Tertulo no, ɔfirii aseɛ bɔɔ no soboɔ sɛ:
“Ɛsiane sɛ ɛnam wo so na yɛanya asomdwoeɛ+ kɛseɛ na wo nhunumu ama nsakraeɛ aba ɔman yi mu nti, 3 Onimuonyamfoɔ+ Felike, yɛde aseda a ɛkyɛn soɔ gye yei berɛ nyinaa wɔ baabiara. 4 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na mansi wo kwan pii bio nti, mesrɛ wo sɛ firi w’ayamyɛ mu tie yɛn kakra. 5 Yɛahunu ɔbarima yi sɛ busuyɛfoɔ+ a ɔtutu gu Yudafoɔ nyinaa asom ma wɔte atua+ wɔ asase nyinaa soɔ, na ɔdi Nasirifoɔ fekuo+ no mu akoten, 6 na ɔno ara nso na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgu asɔrefie no ho fĩ+ maa yɛkyee no. 7 —— 8 Wo ara wobɛtumi abisabisa no ahunu deɛ yɛde rebɔ no soboɔ yi nyinaa mu.”
9 Ɛnna Yudafoɔ no nso de wɔn ano too mu bi kaa sɛ nsɛm yi te saa. 10 Berɛ a amrado no nyam ne ti kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔbuaa sɛ:
“Ɛsiane sɛ menim yie sɛ woayɛ ɔman yi temmufoɔ mfeɛ pii nti, me ho pere me sɛ mɛyi m’ano+ wɔ m’asɛm yi ho, 11 ɛfiri sɛ sɛdeɛ wobɛtumi ahunu no, mekɔɔ Yerusalem kɔsomeeɛ+ no, ɛnni mmoroo nnafua dumienu; 12 na wɔanhu me sɛ me ne obi regye akyinnye wɔ asɔrefie+ hɔ anaasɛ mapiapia nnipakuo+ de basabasayɛ aba hyia adan anaa kuro no mu. 13 Na wɔrentumi nso nnya soboɔ a wɔrebɔ me seesei yi ho adanseɛ+ mma wo. 14 Nanso megye nokwasɛm yi tom w’anim sɛ deɛ wɔfrɛ no ‘fekusɛm’ yi ara ne ɛkwan a menam so som m’agyanom Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ megye deɛ Mmara+ no ka na wɔatwerɛ no Adiyifoɔ no mu no di; 15 na mewɔ anidasoɔ+ wɔ Onyankopɔn mu, a wɔn nso wɔwɔ saa anidasoɔ no ara bie, sɛ berɛ bi bɛba a wɔn a wɔtene+ ne wɔn a wɔntene+ bɛsɔre afiri awufoɔ mu.+ 16 Enti berɛ nyinaa mehwɛ hunu+ sɛ merenyɛ bɔne biara ntia Onyankopɔn ne nnipa. 17 Enti mfeɛ kakra akyi no, mede adɔeɛyɛdeɛ brɛɛ me man, ɛne ayɛyɛdeɛ.+ 18 Berɛ a mereyɛ yeinom no, wɔhunuu me asɔrefie hɔ sɛ madwira me ho,+ nanso na nnipakuo anaa hooyɛ biara nni hɔ. Mmom no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia mantam no mu na wɔwɔ hɔ, 19 na anka ɛsɛ sɛ wɔba w’anim na sɛ wɔwɔ biribi tia me a, wɔde ato dwa.+ 20 Anaasɛ, ma mmarima yi ara nka bɔne a wɔhunuiɛ berɛ a na megyina Sanhedrin no anim no, 21 gye asɛm baako yi ara a meteaam kaeɛ berɛ a na megyina wɔn mu no sɛ, ‘Awufoɔ sɔreɛ so na wɔgyina rebu me atɛn nnɛ mo anim no!’”+
22 Nanso, ɛsiane sɛ Felike+ nim Ɛkwan+ yi ho asɛm yie nti, ɔtuu nkurɔfoɔ no asɛm no hyɛɛ da kaa sɛ: “Berɛ biara a ɔsahene Lisia+ bɛba no, mɛsi mo nsɛm yi ho gyinaeɛ.” 23 Na ɔhyɛɛ ɔsraani panin no sɛ ɔnhwɛ ɔbarima no so na wɔnnha no wɔ baabi a ɔda no, na ɛnsɛ sɛ wɔbara ne ho nipa biara a ɔbɛba abɛsom no.+
24 Nna bi akyi no, Felike+ ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani+ no baeɛ, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na wɔtiee deɛ ɔwɔ ka fa Kristo Yesu mu gyidie ho.+ 25 Afei berɛ a ɔkaa tenenee+ ne ahosodie+ ne atemmuo+ a ɛbɛba ho asɛm no, ehu kaa Felike maa no kaa sɛ: “Seesei deɛ, kɔ, na mmom sɛ menya berɛ a mɛsan asoma abɛfrɛ wo.” 26 Nanso saa berɛ yi nyinaa deɛ na n’ani da so sɛ Paulo bɛma no sika.+ Enti na ɔtaa soma kɔfrɛ no ne no bɔ nkɔmmɔ.+ 27 Afei mfeɛ mmienu twaam no, Porkio Festo bɛdii Felike adeɛ; na ɛsiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔnya Yudafoɔ no anim adom+ nti, ɔgyaa Paulo mpokyerɛ mu.