Exodus 23:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+ Deuteronomium 16:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani,+ na ɛtumi ma ateneneefoɔ sesa wɔn ano. Dwom 26:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Wɔn na ahohwibra+ wɔ wɔn nsamNa adanmudeɛ+ ayɛ wɔn nsa nifa ma. Mmebusɛm 17:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔbɔnefoɔ bɛgye adanmudeɛ kokoam*+ de adane atemmuo ani.+ Yesaia 5:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Wɔn a wɔgye adanmudeɛ bu ɔbɔnefoɔ bem+ na wɔgye ɔteneneeni bemdie firi ne nsam no nnue!+
8 “Nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+
19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani,+ na ɛtumi ma ateneneefoɔ sesa wɔn ano.