Mateo
22 Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mfatoho mu bio sɛ:+ 2 “Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔhyiaa ayeforɔ+ maa ne babarima. 3 Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no mmra ayeforɔhyia+ no ase, nanso wɔampɛ sɛ wɔbɛba.+ 4 Ɔsan somaa nkoa+ foforɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: “Hwɛ! Masiesie m’aduane,+ makum m’anantwie ne me nyɛmmoa a wɔadɔ, na wɔawie biribiara. Mommra ayeforɔhyia no ase.”’+ 5 Nanso wɔbuu wɔn ani guu so na obiara kɔɔ ne baabi, baako kɔɔ n’afuo mu, ɔfoforɔ kɔdii ne dwa;+ 6 wɔn a aka no kyee nkoa no yɛɛ wɔn basabasa na wɔkunkum wɔn.+
7 “Na ɔhene no bo fuiɛ, na ɔsomaa n’asraafoɔ maa wɔkɔsɛee awudifoɔ no hyee wɔn kuro.+ 8 Afei ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ, ‘Ayeforɔhyia no aduru so, nanso wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mfata.+ 9 Enti monkɔ kuro no atempɔn so, na obiara a mobɛhu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforɔhyia no ase.’+ 10 Ɛnna nkoa no kɔɔ akwan no so kɔboaboaa wɔn a wɔhunuu wɔn nyinaa ano, abɔnefoɔ ne nnipa pa nyinaa,+ na wɔn a wɔbɛtenatenaa ɛpono no ho no yɛɛ ayeforɔhyia dan no mu mã.+
11 “Berɛ a ɔhene no bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, n’ani bɔɔ obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ so wɔ hɔ.+ 12 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Damfo, woyɛɛ dɛn na wobaa ha a wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ?’+ Afei na watɔre mum. 13 Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monto no ntwene sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na ɔbɛsu atwerɛ ne sẽ.’+
14 “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔayi wɔn no sua.”+
15 Afei Farisifoɔ no kɔbɔɔ pɔ na ama wɔafa ne nsɛm a ɔka so anya no.+ 16 Enti wɔsomaa wɔn asuafoɔ ne Herode akyidifoɔ+ kɔɔ ne nkyɛn sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woka nokorɛ na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokorɛ mu a wonsuro obiara, ɛfiri sɛ wonhwɛ nnipa anim.+ 17 Enti ka kyerɛ yɛn, wodwene ho sɛn? Mmara ma kwan sɛ wɔtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”+ 18 Nanso ɛsiane sɛ na Yesu ahunu wɔn adwemmɔne no nti, ɔkaa sɛ: “Nyaatwomfoɔ, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ?+ 19 Momfa toɔ sika no bi mmɛkyerɛ me.” Na wɔbrɛɛ no denare. 20 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan mfonini ne ne ntwerɛdeɛ nie?”+ 21 Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ montua Kaesare deɛ mma Kaesare, na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 22 Afei, berɛ a wɔtee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔgyaa ne hɔ kɔeɛ.+
23 Saa da no, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ:+ 24 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 25 Ná yɛne anuanom nson na ɛwɔ ha; deɛ ɔdi kan no wareeɛ na ɔwuiɛ, na ɛsiane sɛ na ɔnni mma nti, ɔgyaa ne yere maa ne nua.+ 26 Asɛm korɔ no ara na ɛtoo deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no, kɔsii nson no nyinaa so.+ 27 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no wuiɛ. 28 Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no.”+
29 Yesu bua see wɔn sɛ: “Moredi mfomsoɔ, ɛfiri sɛ monnim Twerɛnsɛm anaa Onyankopɔn tumi;+ 30 owusɔreɛ mu no, mmarima renware na wɔremfa mmaa nso mma awareɛ,+ na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro. 31 Ɛdefa owusɔreɛ ho no, monkenkanee deɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo no sɛ,+ 32 ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn’?+ Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ deɛ.”+ 33 Nnipakuo no tee saa no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn nwanwa.+
34 Berɛ a Farisifoɔ no tee sɛ wama Sadukifoɔ no aka wɔn ano atom no, wɔhyiaam. 35 Na wɔn mu baako a ɔnim Mmara no yie+ bisaa no asɛm de sɔɔ no hwɛɛ sɛ: 36 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mmara no mu ahyɛdeɛ bɛn na ɛyɛ kɛseɛ?”+ 37 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’+ 38 Yei ne ahyɛdeɛ a ɛyɛ kɛse sene ne nyinaa ne deɛ ɛdi kan. 39 Deɛ ɛtɔ so mmienu a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ 40 Ahyɛdeɛ mmienu yi so na Mmara no nyinaa ne Adiyifoɔ no sɛn.”+
41 Afei berɛ a Farisifoɔ no nyinaa hyiaeɛ no, Yesu bisaa wɔn sɛ:+ 42 “Adwene bɛn na mowɔ wɔ Kristo no ho? Ɔyɛ hwan ba?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid.”+ 43 Ɔsee wɔn sɛ: “Ɛnneɛ afei adɛn nti na honhom+ no maa Dawid frɛɛ no ‘Owura,’ kaa sɛ, 44 ‘Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase”’?+ 45 Enti sɛ Dawid frɛɛ no ‘Owura’ a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+ 46 Na obiara antumi anyi no ano, na ɛfiri saa da no obiara antumi ammisa no hwee bio.+