Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Sukooko so. Kora mma dwom. Maskil. Mmaa adɔfo ho dwom.
45 Asɛmpa ahyɛ m’akoma ma abu so.+
Mese: “Me nnwuma fa ɔhene ho.”+
Ma me kɛtrɛma nyɛ sɛ ɔtwerɛfoɔ+ a ne ho akokwa twerɛdua.+
2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma koraa.+
Wɔde animuonyam ahyɛ w’ano.+
Ɛno nti na Onyankopɔn ahyira wo daa no.+
3 Otumfoɔ,+ fa wo nkrantɛ+ bɔ w’asene ɛ,
Ɛne w’animuonyam ne w’anidie;+
4 Na kɔdi nkonim w’animuonyam mu;+
Tena wo pɔnkɔ so ma nokorɛdie ne ahobrɛaseɛ ne tenenee,+
Na wo nsa nifa bɛkyerɛkyerɛ wo anwanwadwuma.+
5 W’agyan nnamnam no bɛwowɔ ɔhene atamfo akoma mu;+
Aman bɛhwehwe ase daa wo nan ase.+
6 Onyankopɔn ne w’ahennwa daa daa,+
Na w’ahempoma yɛ teeyɛ poma.+
7 Wodɔɔ tenenee,+ na wokyirii mmarato.+
Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,+ de ahurisie ngo+ asra wo+ sene wo mfɛfoɔ no.+
8 Kurobo ne pɛprɛ ne kasia dua yi hwa wo ntadeɛ nyinaa mu;+
Sankuo a wɔbɔ no asommɛn+ aban mu ma wodi ahurisie.
9 Ahemfo mmabaa+ wɔ wo mmaa animuonyamfoɔ mu.
Ɔhemmaa ne ne nkurɔfoɔ+ abɛgyina wo nsa nifa so, Ofir sika mu.+
10 Tie, ɔbabaa, na hwɛ, na yɛ aso;
Ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo papa fie.+
11 Ɔhene ani bɛgyina w’ahoɔfɛ,+
Ɔne wo wura,+
Enti koto no.+
12 Tiro babaa nso de akyɛdeɛ ba+—
Ɔman no mu adefoɔ bɛdwodwo wo bo.+
13 Ɔhene babaa wɔ animuonyam nyinaa bi wɔ fie hɔ;+
N’atadeɛ, wɔde sika anwene mu.
14 Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔanwene, na wɔde no brɛ ɔhene.+
Wɔde ne mfɛfoɔ mmaabunu a wɔka ne ho bɛbrɛ wo.+
15 Ahurisie ne anigyeɛ mu na wɔde wɔn bɛba;
Wɔbɛhyɛn ɔhene ahemfie.
16 Wo mma+ bɛsi w’agyanom+ ananmu,
Na wobɛyɛ wɔn mpanimfoɔ, asase nyinaa so.+
17 Mɛbɔ wo din, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa mu.+
Ɛno nti na aman bɛkamfo wo daa daa no.