2 Korintofoɔ
12 Ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Mfasoɔ nni so; nanso mereba Awurade anisoadehunu+ ne n’adiyie so. 2 Menim onipa bi wɔ Kristo mu a mfeɛ dunan nie wɔhwim no—sɛ ɛyɛ honam mu oo, sɛ ɛnyɛ honam mu oo, mennim; Onyankopɔn na ɔnim—na wɔde no kɔɔ+ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa. 3 Aane, menim saa onipa no—sɛ ɛyɛ honam mu oo, sɛ ɛnyɛ honam oo,+ mennim; Onyankopɔn na ɔnim— 4 na wɔhwim no kɔɔ paradise,+ na ɔtee nsɛm a wɔmmɔ soɔ a mmara mma ho kwan sɛ onipa ka. 5 Obi a ɔte saa ho na mɛhoahoa me ho, na me ara deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ ho.+ 6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho+ nso a, anka ɛrenyɛ adeɛ a nteaseɛ nnim, ɛfiri sɛ deɛ mɛka no bɛyɛ nokorɛ. Nanso merenyɛ saa, na obi ammu me ankyɛn sɛdeɛ ɔhu me anaasɛ deɛ ɔte firi m’ano, 7 adiyie dodoɔ no nti.
Enti, deɛ ɛbɛyɛ na meremma me ho so mmoro soɔ no,+ wɔama me honam mu kasɛɛ,+ Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbobɔ me na mamma me ho so ammoro so. 8 Yei nti mesrɛɛ Awurade mprɛnsa+ sɛ ɛmfiri me so; 9 nanso deɛ ɔka kyerɛɛ me ne sɛ: “M’adom no ara dɔɔso+ ma wo; me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu.”+ Enti mede anigyeɛ kɛseɛ bɛhoahoa me ho me mmerɛyɛ ho+ mmom, na Kristo ahoɔden atena me so sɛ ntomadan. 10 Enti mmerɛyɛ, ahohora, ohia, ɔtaa, ne ahokyerɛ a Kristo nti mehyia no yɛ anigyesɛm ma me. Ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ mmom a na menya ahoɔden.+
11 Mayɛ obi a ɔnte asɛm ase. Mo na mohyɛɛ me,+ ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ anka mokamfo me. Na sɛ mensɛ hwee mpo a, biribiara nni hɔ a mo asomafoɔ ahotefoɔ+ no de kyɛn me.+ 12 Ɔsomafoɔ nsɛnkyerɛnne+ no daa adi mo mu wɔ boasetɔ nyinaa mu,+ ɛne nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ mu.+ 13 Sɛ ɛnyɛ adesoa a manyɛ amma mo+ no a, ɛdeɛn bio nti na moanto asafo a aka no? Mesrɛ mo, momfa mfomsoɔ yi mfiri me.
14 Hwɛ, ne mprɛnsa soɔ+ nie a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, nanso merenyɛ mo so adesoa. Ɛfiri sɛ menhwehwɛ mo ahodeɛ,+ na mmom mo ara; na ɛnyɛ mma+ na ɛpɛ adeɛ ma wɔn awofoɔ, na mmom awofoɔ na ɛsɛ sɛ wɔpɛ adeɛ ma wɔn mma.+ 15 Na me deɛ, mefiri anigyeɛ kɛseɛ mu de me ho nneɛma bɛma na mede me ho ama mo kra+ korakora. Sɛ medɔ mo boro so saa a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a mowɔ ma me no tɔ sini anaa? 16 Ne nyinaa mu no, manyɛ mo so adesoa.+ Nanso moka sɛ meyɛ “onitefoɔ” na mede “nnɛɛdɛɛ” na ɛnyaa mo.+ 17 Wɔn a mesomaa wɔn mo nkyɛn no, menam wɔn mu bi so hwehwɛɛ mo ho mfasoɔ anaa? 18 Mesrɛɛ Tito, na mesomaa onua no kaa ne ho. Tito hwehwɛɛ mo ho mfasoɔ bi anaa?+ Yɛannante honhom korɔ+ no ara mu? Yɛantutu anammɔn korɔ no ara?
19 Saa berɛ yi nyinaa mosusu sɛ yɛreyi yɛn ano akyerɛ mo? Onyankopɔn anim na yɛkasa wɔ Kristo mu. Nanso adɔfo, adeɛ nyinaa wɔ hɔ ma mo denhyɛ.+ 20 Na mesuro sɛ, sɛ meba+ a, ebia meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ, na mmom deɛ ebia ɛrekɔ soɔ ne ntawantawadie, ahoɔyaa,+ abufuo, mansotwe, anoɔyaa, nsekuro, ahomasoɔ, sakasakayɛ.+ 21 Ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo mu, na madi wɔn a wɔayɛ bɔne+ a wɔnsakraa wɔn adwene wɔn afĩdeɛ ne adwamammɔ+ ne ahohwisɛm+ a wɔdiiɛ ho no pii ho awerɛhoɔ.