6 Na sɛ yɛwɔ ahohiahia mu a, ɛyɛ mo awerɛkyekyerɛ ne nkwagyeɛ+ ntira; anaa sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ a ɛma motumi gyina amanehunu a yɛn nso yɛhyia bi+ no mu.
17 Ne nyinaa akyi no, sɛ wɔrehwie me sɛ nsã+ agu afɔrebɔ+ ne ɔsom adwuma a gyidie de mo aba mu no so mpo a,+ ɛyɛ me anigye na me ne mo nyinaa di ahurisie.+
24 Afei meredi ahurisie wɔ amane a mehunu maa mo no mu,+ na me fam no, merewie Kristo mu amanehunu+ a aka no wɔ me honam mu ama ne nipadua a ɛne asafo no.+
8 Enti, ɛsiane sɛ yɛwɔ ayamhyehyeɛ ma mo nti,+ ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yie sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ara yɛn kra nso,+ ɛfiri sɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.+
17 Monyɛ setie mma wɔn a wɔdi mo anim+ no na mommrɛ mo ho ase+ mma wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wɔbɛbu ho akonta;+ ɛno bɛma wɔde anigyeɛ ayɛ yei, na ɛnyɛ ahomeguo, anyɛ saa a ɛrensi mo yie.+