Dwom
Dawid dwom.
28 O Yehowa, wo na mefrɛ wo daa.+
O me Botan, nsisi w’aso, m’adesrɛ ho,+
Nyɛ komm wɔ me ho,+
Na manyɛ sɛ wɔn a wɔrekɔ amena mu no.+
2 Sɛ mesu mefrɛ wo a, tie me nkotɔsrɛ nne,
Sɛ mema me nsa so+ kyerɛ wo kronkronbea+ pia mu hɔ a, tie me.
3 Mpra me mfra nnebɔneyɛfoɔ ne amumuyɔfoɔ,+
Wɔn a wɔne wɔn yɔnkonom ka asomdwoeɛsɛm,+ nanso bɔne na ɛwɔ wɔn akomam+ no.
4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,+
Ne sɛdeɛ wɔn nnebɔne teɛ.+
Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nsa ano adwuma teɛ.+
Tua wɔn nneyɛɛ so ka.+
5 Ɛfiri sɛ wɔmmu Yehowa nnwuma hwee,+
Na ne nsa ano adwuma+ nso, wɔmmu.
Ɔbɛdwiri wɔn agu, na ɔremma wɔn so nsi hɔ.