1 Berɛsosɛm
26 Apono ano ahwɛfoɔ+ mu nkyekyɛmu nie: Korafoɔ+ mu, Asaf aseni Kore ba Meselemia.+ 2 Meselemia mma nie: Sakaria ne abakan, Yediael tɔ so mmienu, Sebadia tɔ so mmiɛnsa, Yatniel tɔ so nnan, 3 Elam tɔ so nnum, Yehohanan tɔ so nsia, Elieho-Enai tɔ so nson. 4 Obed-Edom+ mma nie: Semaia ne abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoa tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum, 5 Amiel tɔ so nsia, Isakar tɔ so nson, Peuletai tɔ so nwɔtwe; Onyankopɔn na ɔhyiraa no.+
6 Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mma maa no, na wɔdii wɔn agya fie so ɛfiri sɛ na wɔyɛ mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den. 7 Semaia mma nie: Otni, Refael, Obed, ne Elsabad a ne nuanom yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ, ne Elihu ne Semakia. 8 Yeinom nyinaa yɛ Obed-Edom asefoɔ, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔwɔ ahoɔden a wɔde yɛ adwuma no, mmarima aduosia mmienu a wɔfiri Obed-Edom mu. 9 Meselemia+ mma ne ne nuanom yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ dunwɔtwe. 10 Hosa a ɔfiri Merari asefoɔ mu mma nie: Abusuapanin Simri; ná ɔnyɛ abakan+ nanso ne papa de no yɛɛ abusuapanin;+ 11 Hilkia tɔ so mmienu, Tebalia tɔ so mmiɛnsa, Sakaria tɔ so nnan. Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ dumiɛnsa.
12 Apono ano ahwɛfoɔ nkyekyɛmu yi mu no, mpanimfoɔ no som adwuma te sɛ wɔn nuanom deɛ+ wɔ Yehowa fie adwuma no mu. 13 Enti wɔbɔɔ ntonto+ maa kumaa ne panin sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie+ teɛ, kyekyɛɛ apono ano hwɛ adwuma no maa wɔn. 14 Wɔbɔɔ ntonto no, apueeɛ fam deɛ no kɔdii Selemia+ nsam. Ne ba Sakaria,+ ɔfotufoɔ+ a ɔwɔ nhunumu no, wɔbɔɔ ntonto de atifi+ fam deɛ no maa no. 15 Obed-Edom nyaa anafoɔ fam, na ne mma+ no nso nyaa adekora adan no.+ 16 Supim ne Hosa+ nyaa atɔeɛ fam, faako a ɛbɛn Saleket Pono a ɛda aforoeɛ tempɔn ho no; awɛmfoɔ kuo+ baako gyina ha a, na awɛmfoɔ kuo baako nso gyina ha;+ 17 Lewifoɔ nsia wɔ apueeɛ fam; nnan wɔ atifi fam da koro biara; nnan wɔ anafoɔ fam da koro biara;+ na adekora adan+ no ho nso, awɛmfoɔ mmienu wɔ ha a, na mmienu nso wɔ ha; 18 atɔeɛ ntwonoo no fam nso, nnan wɔ tempɔn+ no so, na mmienu nso wɔ ntwonoo no mu. 19 Saa na wɔkyekyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ a wɔyɛ Kora asefoɔ+ ne Merari+ asefoɔ no mu.
20 Lewifoɔ no nie: Ahiya na ɔhwɛɛ nokorɛ Nyankopɔn fie akoradeɛ+ ne akoradeɛ a wɔayɛ no kronkron+ no soɔ. 21 Ladan+ asefoɔ, Gersonfoɔ a wɔfiri Ladan mu; agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔfiri Gersonni Ladan mu: Yehieli.+ 22 Yehieli mma Setam ne ne nua Yoel+ na wɔhwɛɛ Yehowa fie akoradeɛ+ soɔ. 23 Amramfoɔ, Yisarfoɔ, Hebronfoɔ, ne Usielfoɔ+ mu no, 24 na Mose ba Gersom ba Sebuel+ ne adekora adan no so hwɛfoɔ. 25 Ne nuanom mu no, ne nua Elieser+ ba ne Rehabia,+ ɔno nso ne ba ne Yesia, ɔno nso ne ba ne Yoram, ɔno nso ne ba ne Sikri, ɔno nso ne ba ne Selomot. 26 Selomot yi ne ne nuanom na wɔhwɛɛ akoradeɛ a wɔayɛ no kronkron+ no nyinaa soɔ, deɛ Ɔhene Dawid+ ne agyanom abusuafie+ mpanimfoɔ, ne apem apem ne ɔha ha so ahwɛfoɔ, ne asahene no yɛɛ no kronkron no. 27 Akodie+ mu nneɛma ne asadeɛ+ na wɔyɛɛ no kronkron sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fie. 28 Biribiara a ɔdehwɛfoɔ+ Samuel ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner+ ne Seruia+ ba Yoab+ yɛɛ no kronkron nso ka ho. Biribiara a obiara yɛɛ no kronkron no, wɔde hyɛɛ Selomit ne ne nuanom nsa.
29 Yisarfoɔ+ mu no, Kenania ne ne mma yɛɛ Onyankopɔn fie nnwuma a wɔyɛ no abɔnten+ no; wɔyɛɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ+ wɔ Israel so.
30 Hebronfoɔ+ mu no, Hasabia ne ne nuanom, wɔyɛ mmarima akokoɔdurofoɔ+ mpem ahanson; wɔn na wɔdeda Yehowa adwuma ne ɔhene som adwuma ano wɔ Israel nkuro a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no mu. 31 Hebronfoɔ mu no, Yeriya+ na na ɔyɛ Hebronfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ ne agyanom abusuafie panin. Dawid ahennie afe a ɛtɔ so aduanan+ mu no, wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wɔnyaa mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den wɔ Yaser,+ Gilead.+ 32 Ne nuanom yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ+ mpem mmienu ahanson, agyanom abusuafie mpanimfoɔ.+ Enti Dawid de wɔn totoo Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã+ no ano sɛ biribiara a ɛfa nokorɛ Nyankopɔn som ne ɔhene ho+ no, wɔnhwɛ so.