Mateo
27 Adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nyinaa tuu agyina hwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akum Yesu.+ 2 Wɔguu no mpokyerɛ de no kɔmaa amrado Pilato.+
3 Afei Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no kumfɔ no, ɔnuu ne ho na ɔsan de nnwetɛbena aduasa+ no kɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no, 4 sɛ: “Meyɛɛ bɔne sɛ meyii mogya a ɛtene maeɛ.”+ Wɔkaa sɛ: “Ɛfa yɛn ho bɛn? Ɛyɛ wo ara w’asɛm!”+ 5 Enti ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔrefie hɔ na ɔfirii hɔ kɔsɛn ne ho.+ 6 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no sesaa nnwetɛbena no kaa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛde bɛgu sika akoraeɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ mogya sika.” 7 Berɛ a wɔtuu agyina no, wɔde tɔɔ ɔnwemfoɔ asase a wɔde bɛsie ahɔhoɔ. 8 Enti ɛde bɛsi nnɛ wɔfrɛ saa asase no “Mogya Asase.”+ 9 Afei deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ: “Na wɔgyee nnwetɛbena aduasa,+ ɛboɔ a wɔtwa too onipa no soɔ, deɛ Israel mma binom twaa boɔ too ne soɔ no, 10 na wɔde gyee ɔnwemfoɔ+ asase sɛdeɛ na Yehowa ahyɛ me no.”
11 Afei Yesu bɛgyinaa amrado no anim; na amrado no bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ hene no anaa?”+ Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 12 Na berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no rebɔ no soboɔ no,+ wanyi ano.+ 13 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Enti wonte nsɛm bebrebe a wɔreka gu wo soɔ yi?”+ 14 Nanso wammua no, na wanka asɛm baako mpo, enti ɛyɛɛ amrado no nwanwa paa.+
15 Ná ɛyɛ amrado no amanneɛ sɛ ɛduru afahyɛ biara a ɔgyaa deduani baako a nnipa no pɛ ma wɔn.+ 16 Berɛ no ara mu no, na ɔdeduani bi wɔ hɔ a wagye dimmɔne a wɔfrɛ no Baraba.+ 17 Enti berɛ a wɔhyiaam no Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔn mu hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu a wɔse wɔfrɛ no Kristo no?”+ 18 Ná ɔnim sɛ ahoɔyaa+ nti na wɔde no abrɛ no.+ 19 Afei nso berɛ a ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: “Mfa wo ho nnye onipa tenenee+ yi asɛm mu koraa, na ne nti mahunu amane pii wɔ daeɛ+ mu nnɛ.” 20 Nanso asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tutu guu nnipakuo no asom sɛ wɔnka sɛ wɔpɛ Baraba+ na wɔmma wɔnkum Yesu. 21 Ɛnna amrado no buaa wɔn sɛ: “Wɔn mmienu no mu hwan na mopɛ sɛ meyi no ma mo?” Wɔkaa sɛ: “Baraba.”+ 22 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?” Wɔn nyinaa kaa sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!”+ 23 Ɔkaa sɛ: “Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!”+
24 Berɛ a Pilato hunuu sɛ adepa biara amfiri mu amma na mmom basabasa rebɛsie no, ɔfaa nsuo+ de hohoroo ne nsa wɔ nnipakuo no anim kaa sɛ: “Menni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ deɛ mobɛyɛ.” 25 Ɛnna ɔmanfoɔ no nyinaa buaa sɛ: “Ne mogya mmra yɛne yɛn mma so.”+ 26 Afei ɔyii Baraba maa wɔn, na ɔmaa wɔhwee+ Yesu de no maa wɔn sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu.+
27 Afei amrado asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado atenaeɛ hɔ na wɔboaboaa asraafoɔkuo no nyinaa ano baa ne nkyɛn.+ 28 Na wɔworɔɔ ne ho de atade tenten kɔkɔɔ hyɛɛ no,+ 29 na wɔde nkasɛɛ nwenee abotire de bɔɔ ne ti de demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu. Na wɔkotoo n’anim dii ne ho fɛ+ sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”+ 30 Na wɔtetee ntasuo+ guu ne so, na wɔgyee demmire no firii aseɛ de hwehwee ne tirim. 31 Afei berɛ a wɔdii ne ho agorɔ+ wieeɛ no, wɔyii atade tenten no de n’atadeɛ ngugusoɔ hyɛɛ no de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛndua mu.+
32 Berɛ a wɔrefiri adi akorɔ no wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon.+ Saa ɔbarima yi na wɔhyɛɛ no sɛ ɔnsoa n’asɛndua no. 33 Na berɛ a wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota+ a ɛkyerɛ Tikoraa no, 34 wɔmaa no bobesa a wɔde bɔnwoma+ afra sɛ ɔnnom; nanso berɛ a ɔde kaa n’ano no wannom.+ 35 Berɛ a wɔbɔɔ no asɛndua+ mu no, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’atadeɛ ngugusoɔ+ mu,+ 36 na wɔtenatenaa ase hwɛɛ ne so wɔ hɔ. 37 Bio nso wɔtwerɛɛ soboɔ a wɔbɔɔ no no fam n’atifi sɛ: “Oyi ne Yesu a ɔyɛ Yudafoɔ Hene no.”+
38 Afei wɔbɔɔ adwotwafoɔ mmienu bi asɛndua mu kaa ne ho, baako wɔ ne nifa na baako wɔ ne benkum.+ 39 Enti wɔn a wɔretwam no wosoo+ wɔn ti kasa tiaa+ no, 40 na wɔkaa sɛ: “O wo a anka wobɛdwiri asɔrefie+ aguo na woasi no nnansa ntam, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, firi asɛndua no so si fam!”+ 41 Saa ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no firii aseɛ dii ne ho agorɔ kaa sɛ:+ 42 “Ɔgyee afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ɔno ara ne ho! Ɔyɛ Israel Hene;+ afei ma no nsi mfiri asɛndua no so na yɛbɛgye no adi.+ 43 Ɔde ne ho ato Onyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a ma ɔnnye+ no, ɛfiri sɛ ɔno ara na ɔkaa sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’”+ 44 Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu kaa ne ho no nso bɔɔ no ahohora.+
45 Ɛfiri dɔn a ɛtɔ so nsia* rekorɔ no, esum duruu+ asase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron.*+ 46 Bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nkron* no, Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” a ɛkyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me?”+ 47 Wɔtee yei no, wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bi firii aseɛ kaa sɛ: “Ɔbarima yi refrɛ Elia.”+ 48 Na ɛhɔ ara wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa nyinyanyinya+ mu de tuaa demmire ano de kɔmaa no sɛ ɔnnom.+ 49 Na wɔn a aka no kaa sɛ: “Monnyaa no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.”+ [[Obi foforɔ faa pea de wɔɔ ne mfe mu maa mogya ne nsuo firi baeɛ.]]+ 50 Yesu san de nne kɛseɛ teaam na ɔgyaa ne honhom mu.+
51 Na hwɛ! kronkronbea hɔ ntwamutam+ no mu suanee mmienu firi soro bɛsii fam,+ asase wosoeɛ, na abotan mu paepaeeɛ.+ 52 Na ada so buebueeɛ, na akronkronfoɔ a wɔadeda no amu bebree puepueeɛ, 53 na nnipa bebree hunuu wɔn. (Nnipa a wɔfiri asieeɛ baeɛ wɔ ne sɔreɛ akyi no hyɛn kuro kronkron+ no mu.) 54 Na berɛ a ɔsraani panin no ne wɔn a ɔne wɔn rehwɛ Yesu so no hunuu asasewosoɔ no ne deɛ ɛrekɔ soɔ no, wɔbɔɔ hu kɛse, na ɔkaa sɛ: “Ampa ara Onyankopɔn Ba nie.”+
55 Bio nso, na mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyinagyina akyiri rehwɛ,+ na wɔn na na wɔdi Yesu akyi firi Galilea resom no;+ 56 wɔn mu bi ne Maria Magdalene ne Yakobo ne Yose maame Maria, ne Sebedeo mma no maame.+
57 Afei ɛsiane sɛ na aduru anwummerɛ nti ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso abɛyɛ Yesu suani baa hɔ.+ 58 Saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu.+ Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.+ 59 Yosef faa amu no de nwera pa a ɛho teɛ kyekyeree ho,+ 60 na ɔde no too ne da foforɔ+ a watwa ato abotan mu no mu. Na ɔmunii ɛboɔ kɛseɛ tweree ɛda no kwan ano no, ɔgyaa hɔ kɔeɛ.+ 61 Nanso Maria Magdalene ne Maria baako no kaa hɔ tenaa ɛda no anim.+
62 Da a ɛdi hɔ a ɛyɛ Ahoboaboa+ akyi no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no bɛhyiaa wɔ Pilato anim, 63 na wɔkaa sɛ: “Owura, yɛakae sɛ nkontomponi no kaa berɛ a ɔte aseɛ no sɛ, ‘Nnansa akyi no+ mɛsɔre.’ 64 Enti hyɛ ma wɔmmɔ ɛda no ho ban nkɔsi ne nnansa soɔ na n’asuafoɔ no ammɛwia+ no anka ankyerɛ nkurɔfoɔ sɛ, ‘Wanyane afiri awufoɔ mu!’ Anka yei akyi nkontomposɛm bɛsene kane deɛ no.” 65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mowɔ awɛmfoɔ.+ Monkɔbɔ ho ban sɛdeɛ monim sɛ ɛsɛ.” 66 Enti wɔkɔkataa ɛda no ano sɔɔ ɛboɔ+ no ano maa awɛmfoɔ wɛnee hɔ.