Mateo
4 Afei honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so+ maa Ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛeɛ.+ 2 Berɛ a ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no,+ ɛkɔm dee no. 3 Afei, Ɔsɔhwɛfoɔ+ no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a,+ kasa kyerɛ aboɔ yi ma no nnane paanoo.” 4 Nanso ɔbua see no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara so na onipa nam bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa anom nso.’”+
5 Ɛnna Ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron+ no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔredan no atifi, 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam;+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ, na wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ da biara da.’”+ 7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+
8 Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie+ nyinaa ne emu animuonyam, 9 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase som+ me a, mede yeinom nyinaa bɛma wo.”+ 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara+ na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+ 11 Afei Ɔbonsam gyaa no hɔ,+ na hwɛ! abɔfoɔ baeɛ, na wɔfirii aseɛ som no.+
12 Afei berɛ a ɔtee sɛ wɔakye Yohane no,+ ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea.+ 13 Bio nso, berɛ a ɔfirii Nasaret no, ɔbɛtenaa Kapernaum+ mpoano wɔ Sebulon ne Naftali+ mpɔtamu, 14 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no aba mu sɛ: 15 “O Sebulon asase ne Naftali asase a ɛwɔ po kwan ho wɔ Yordan agya, amanaman mufoɔ Galilea!+ 16 Nnipa a wɔte esum+ mu hunuu hann+ kɛseɛ bi, na wɔn a wɔtete baabi a owuo sunsum atɔ soɔ no, hann+ puee+ wɔn so.” 17 Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii asɛnka ase na ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene+ na ɔsoro ahennie+ no abɛn.”
18 Ɔnam Galilea po* ho no, ɔhunuu anuanom mmienu bi, Simon+ a wɔfrɛ no Petro+ ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau wɔ po mu, ɛfiri sɛ na wɔyɛ mpataayifoɔ. 19 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.”+ 20 Ntɛm ara wɔgyaa asau+ no hɔ kɔdii n’akyi. 21 Ɔfiri hɔ nso a ɔrekɔ no, ɔhunuu sɛ nnipa mmienu bio+ a wɔyɛ anuanom, Sebedeo+ ba Yakobo ne ne nua Yohane, ne wɔn papa Sebedeo wɔ kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu, na ɔfrɛɛ wɔn. 22 Ntɛm ara na wɔgyaa wɔn papa ne kodoɔ no hɔ kɔdii n’akyi.
23 Afei ɔkyinkyinii+ Galilea+ nyinaa, kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan+ mu kaa ahennie no ho asɛmpa, saa yareɛ+ ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ a ɛwɔ nnipa no soɔ nyinaa bi. 24 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria+ nyinaa, na wɔde wɔn a biribi ha wɔn nyinaa brɛɛ no,+ wɔn a yareɛ ne ɔhaw ahodoɔ ama wɔreteetee, wɔn a wɔwɔ adaemone ne wɔn a wɔtwa+ ne wɔn a wɔabubuo, na ɔsaa wɔn yareɛ. 25 Enti nnipadɔm pii dii n’akyi firii Galilea+ ne Dekapoli ne Yerusalem+ ne Yudea ne Yordan agya.