33 Ateneneefoɔ, Yehowa nti monni ahurisie.+
Ɛfata sɛ teefoɔ yi no ayɛ.+
2 Momfa sankuten+ nna Yehowa ase;
Momfa sankuo a ɛso nhoma yɛ du+ mmɔ dwom mma no.
3 Monto dwom foforɔ mma no;+
Momfa mo akoma nyinaa mmɔ sankuo na mommɔ ose nka ho.+
4 Ɛfiri sɛ Yehowa asɛm tene,+
Na ne nnwuma nyinaa kɔ so nokorɛdie mu.+
5 Ɔdɔ tenenee ne atɛntenenee.+
Yehowa adɔeɛ ahyɛ asase so ma.+
6 Yehowa anom asɛm so na ɔyɛɛ ɔsoro,+
Na n’anom honhom so na ɔyɛɛ emu asafo nyinaa.+
7 Ɔno na ɔboaboaa ɛpo mu nsuo ano sɛ nsuban,+
Na ɔmaa nsuo a ɛrebu fa soɔ kɔguu akoraeɛ.
8 Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Yehowa.+
Momma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ho mpopo n’anim.+
9 Ɔno na ɔkaeɛ, na ɛbaa mu;+
Ɔno na ɔhyɛeɛ, na ɛyɛɛ hɔ.+
10 Yehowa ka amanaman no agyina gu;+
Na ɔma amanaman adwene yɛ kwa.+
11 Yehowa agyina deɛ, ɛtim hɔ daa;+
N’akomam nsusuiɛ wɔ hɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.+
12 Anigyeɛ ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,+
Ɔman a wayi wɔn sɛ n’agyapadeɛ.+
13 Yehowa firi soro hwɛ,+
Na ɔhunu nnipa mma nyinaa.+
14 Ɔte ne tenabea+
Hwɛ wɔn a wɔtete asase soɔ nyinaa.
15 Ɔnwene wɔn nyinaa akoma;+
Ɔhunu wɔn nnwuma nyinaa.+
16 Ɛnyɛ asraafoɔ dodoɔ na ɛma ɔhene di nkonim;+
Ɔdɔmmarima wɔ hɔ yi, ɛnyɛ ahoɔden dodoɔ na ɛgye no.+
17 Nkwagyeɛ mu, ɔpɔnkɔ nyɛ hwee,+
Na n’ahoɔden dodoɔ ntumi nnye nkwa.+
18 Hwɛ! Yehowa ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so;+
Ɛwɔ wɔn a wɔhwɛ n’adɔeɛ kwan no so,+
19 Sɛ ɔbɛgye wɔn kra afiri owuo mu,+
Na wagye wɔn nkwa, ɛkɔm berɛ mu.+
20 Yɛn kra ani da Yehowa so.+
Ɔno ne yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm.+
21 Ɔno na yɛn akoma di ahurisie ne mu;+
Ɛfiri sɛ ne din kronkron no so na yɛde yɛn ho atoɔ.+
22 O Yehowa, ma w’adɔeɛ ntena yɛn so,+
Ɛfiri sɛ wo na yɛn ani da wo soɔ.+