Hesekiel
45 “‘Na sɛ morekyɛ asase no sɛ mo agyapadeɛ a,+ montwa bi mma Yehowa sɛ ntoboa,+ asase no fã a ɛyɛ kronkron.+ Ne ntwemu nyɛ basafa mpem aduonu nnum, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ mpem du.+ Ɛbɛyɛ kronkron afa n’ahyeɛ nyinaa so. 2 Na yei mu na kronkronbea no bɛfire; ne ntwemu ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa bɛyɛ ahanum ahanum—ɛyɛ ahinanan.+ Na ne mfikyisase a mmoa bɛdidi soɔ bɛyɛ basafa aduonum wɔ ɛfã biara.+ 3 Monsusu asase a ne ntwemu yɛ basafa mpem aduonu nnum na ne tɛtrɛtɛ yɛ mpem du mfiri deɛ moatwa no mu, na ɛhɔ na wɔde kronkronbea no bɛsie, akronkronneɛ mu adekronkron no.+ 4 Ɛbɛyɛ asase no mu bea kronkron ama asɔfoɔ no,+ wɔn a wɔba Yehowa anim bɛsom+ wɔ kronkronbea hɔ no. Ɛhɔ na wɔde wɔn adan bɛsisie, na ɛbɛyɛ bea kronkron ama kronkronbea no.
5 “‘Ne ntwemu bɛyɛ mpem aduonu nnum na ne tɛtrɛtɛ ayɛ mpem du.+ Ɛbɛyɛ Lewifoɔ a wɔsom wɔ Efie hɔ no dea. Na wɔbɛnya adidibea aduonu.+
6 “‘Na montwa asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ mpemnum na ne ntwemu yɛ mpem aduonu nnum mma kuro no sɛ ntoboa kronkron.+ Na ɛno bɛyɛ Israel fie nyinaa dea.
7 “‘Na ɔberempɔn no deɛ bɛda ntoboa kronkron no ne kuro no benkum ne ne nifa,+ ntoboa kronkron no ne kuro no nkyɛn, asase a ɛda atɔeɛ fam kɔ atɔeɛ ne deɛ ɛda apueeɛ fam kɔ apueeɛ no. Na ne tenten ne mmusua mmusua no deɛ bɛyɛ pɛ, firi atɔeɛ hyeɛ so kɔsi apueeɛ hyeɛ so.+ 8 Na asase yi bɛyɛ n’agyapadeɛ wɔ Israel. Na m’aberempɔn rentan me man ani bio,+ na wɔde asase no bɛma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.’+
9 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ayɛ yie, Israel aberempɔn!’+
“‘Monnyae amimdie ne nsisie,+ na mommu atɛntenenee nni asɛntenenee.+ Monyi mo apoobɔ mfiri me man so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 10 ‘Momfa nsania, efa susudeɛ, ne bat susuhina a ɛtene nsusu adeɛ.+ 11 Momma efa ne bat susuhina nyɛ pɛ, na bat susuhina nyɛ homar nkyɛmu du mu baako, na homar nkyɛmu du mu baako nyɛ efa baako;+ homar dodoɔ nyɛ saa ara. 12 Na dwetɛbena+ nyɛ gerah aduonu;+ na nnwetɛbena aduonu, nnwetɛbena aduonu nnum, ne nnwetɛbena dunum nyɛ mane baako mma mo.’
13 “‘Na yei ne ntoboa a momfa mmra: Momfa ayuo efa nkyɛmu nsia mu baako mfiri homar baako mu, na momfa atokoɔ nso efa nkyɛmu nsia mu baako mfiri homar baako mu; 14 na ngo no nso, momfa bat susuhina nsusu. Bat yɛ kor nkyɛmu du mu baako. Na bat du yɛ homar baako, ɛfiri sɛ bat du yɛ homar baako. 15 Monyi odwan baako mfiri nnwankuo no mu, kyerɛ sɛ odwan baako mfiri Israel mmoa ahanu biara mu.+ Na wɔmfa yeinom mmɔ aduane afɔdeɛ+ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ,+ na wɔmfa mpata mma wɔn,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
16 “‘Asase no sofoɔ nyinaa de ntoboa+ yi bɛma Israel ɔberempɔn no.+ 17 Sɛ Israel fie redi afahyɛ+ anaa bosome foforɔ+ anaa homeda+ anaa nnapɔnna+ biara a, ɔberempɔn+ no na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ ho nneɛma bɛma. Ɔno na ɔde bɔne ho afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho nneɛma bɛma na wɔde apata ama Israel fie.’
18 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, fa nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho+ dwira kronkronbea no ho.+ 19 Na ɔsɔfoɔ no mfa aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nyɛ Efie no aponnwa+ ho ne afɔrebukyia no mfemfamho no ntwea nnan+ no so ne mfimfini hɔ adihɔ no pono ho. 20 Na saa ara na wobɛyɛ bosome no da a ɛtɔ so nson no, ɛfiri sɛ ebia na obi adi mfomsoɔ+ ɛsiane n’ani a ɛnna ne ho soɔ anaa osuahunu a ɔnnie nti, na mompata mma Efie no.+
21 “‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no, monni twam+ no. Ɛyɛ nnanson afahyɛ a mobɛdi paanoo a mmɔreka nnim.+ 22 Saa da no, ɔberempɔn no mfa nantwinini kumaa mmra mma wɔmmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma ɔno ne ɔman no.+ 23 Na nnanson afahyɛ+ no nyinaa ɔmfa anantwinini nkumaa nson ne adwennini nson a dɛm nni wɔn ho mmra mma wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa da biara, nnanson;+ na wɔmfa ɔpapo nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ da biara.+ 24 Na ɔmfa esiam efa baako nka nantwinini kumaa no ho, na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔdeɛ, na efa biara nso ɔmfa ngo hin baako nka ho.+
25 “‘Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum wɔ afahyɛ+ berɛ no mu no, ɔmfa deɛ ɔde baa nnanson+ no ara bi mmra, te sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne aduane afɔdeɛ, ne ngo.’”