Leviticus 19:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Momfa nsania ne nkariboɔ ne efa ne hin a ɛtene nsusu adeɛ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo firi Egypt asase so baeɛ no. Mmebusɛm 11:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nsisie nsania yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na abrammoɔ a ɛwie pɛyɛ na n’ani gye ho. Mmebusɛm 16:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Susudeɛ ne nsania a ɛyɛ pɛ yɛ Yehowa dea;+ kotokuo mu abrammoɔ nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+ Mmebusɛm 20:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nkariboɔ ahodoɔ mmienu ne efa susudeɛ ahodoɔ mmienu+—ne nyinaa yɛ Yehowa akyiwadeɛ.+ Amos 8:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 na moka sɛ, ‘Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam+ na yɛatɔn aburoo,+ ne homeda,+ na yɛatɔn ayuo, na yɛayɛ susukoraa no ketewa+ na ne boɔ akɔ soro, na yɛakyea atorɔ nsania no,+ Mika 6:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nsania bɔne ne bɔtɔwa a nkontompo nkariboɔ wom bɛma me ho ate anaa?+
36 Momfa nsania ne nkariboɔ ne efa ne hin a ɛtene nsusu adeɛ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo firi Egypt asase so baeɛ no.
5 na moka sɛ, ‘Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam+ na yɛatɔn aburoo,+ ne homeda,+ na yɛatɔn ayuo, na yɛayɛ susukoraa no ketewa+ na ne boɔ akɔ soro, na yɛakyea atorɔ nsania no,+